Efie a wɔde ma Akura
Michele Fry
Amy Uzzell

Na Akura rehwehwε εfie foforɔ.

1

Wei tesε efie a εyε fε.

2

"Wobɛtumi aba ne me abɛda," ɔkraman ba no kaa saa.

"Meda wo ase," Akura kae.

3

Anadwo no, Akura daeεso no yεε huruhuri ne atεkyε.

4

"Wo bεtumi aba ama yεn ada," Ako ka kyerε no.

5

Anadwo no, Akura daeεso no yεε dede ne nwuram aboa.

6

"Wo bεtumi aba ama yεn ada," nsuomnam no kae. "Medaase," Akura kae.

7

Saa anadwo no, Akura daeεso no yε ahuhuro ne awɔ.

8

Na Akura hia baabi a εyε hye ne wesee.

9

10

Akura huu nhomakorabea bi a ɛbɛn hɔ.

11

Saa anadwo no, Akura dae daeso a εyε hye na εyε anigyeε.

Anadwo pa Akura.

12
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Efie a wɔde ma Akura
Author - Michele Fry
Translation - Ofosu Frimpong
Illustration - Amy Uzzell, Jennifer Jacobs
Language - Asante Twi
Level - First paragraphs