Akai kεtε sononko
Ursula Nafula
Catherine Groenewald

Bere a Akai yɛ abaayewa ketewa no, na ne maame de no da kεε fɛεfɛ bi so.

Akai sewaa de abε nhaban na ɛyɛɛ kεtε soronko yi.

1

Na kεtε no ahosuo hyerεn tesε memen, bibire, ne ahabammono.

Na Akai kεtε no da nso firi ne maame kεtε nyinaa wɔne fie hɔ.

2

Na asaase a atwa Akai fie ho ahyia no so, na ɛhɔ yɛ hye na aboɔ ayɛ so ma. Na nyanyankyere, ananse ne awɔwɔ pii nso wɔ hɔ.

Nanso Akai ensuro esiane sɛ mmoa yi a wɔn ho yεhu no ntumi nkano.

3

Ne maame kaa sε, "Kεtε sononko no bɔ Akai hoban dabiaa."

4

Akai yε abɔfra bea ɔnim nyansa.

Ohuu baabi a abura a emu nnɔ na ɛbɛn no wɔ.

5

Akai nso nim baabi a ne nanabaa manyatta wɔ.

Ná ɔtaa ne ne nanabaa kɔnom yoma nufusuo.

6

Dakoro bi, Akai ti anyε yie. Ofii hɔ sɛ ɔrekɔ ne nanabaa manyatta, nanso ɔyerae wɔ bepɔso.

Akai suroe.

7

Ͻtenaa wɔ edome dua no ase twεn kakra depε mmoa.

Ankyɛ na ɔdae na ɔsoo daeε.

8

Wei ne Akai daeεno:
Na ɔda ne kεtε sononko no so. Ná ɔbaa bi a ɔte sɛ ne nanabaa rehwɛ no. Aberewa no sereε, εna ɔde Yoma nufosuo kuruwa no. Bere a Akai teɛɛ ne nsa sɛ ɔrekɔfa nufusuo no ara pɛ na ɔsɔree.

9

Akai bue nani nkakrakakra.

Ɛberε a ɔhwε soro no, ɔhunu anomaa bibire ketewa bi a ɔsi dua mman so.

10

Ɛberεa Akai sɔree no, anomaa bibire ketewa no bɔɔ nataban mu de kyerεε Akai kwan ma ɔdi anomaa no nakyi.

11

Akai baa baabi a akwan no yε ahodoɔ mmienu so.

Anomaa bibire ketewa no de kεtε bi too fɔm a na εtesε ne kεtε no.

12

Akai kotoo sε ɔresesa kεtε nkumaa no, ɔhunu nnipa nnamɔn a εtesε ne maame deε.

Ankyε na ɔhunu abura a abusuafoɔ sa nsuo firi mu no.

13

Akai abusuafoɔ too dwom dii asa de maa no akwaaba ba efie.

Ͻde anigyeε kum apɔnkye, noa bi, totoo bi de yεεaduane maa no.

14

Akai tenaa ne kεtε nwanwasoɔ no so ahurusie dii naduane wee apɔnkye nam no.

15
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Akai kεtε sononko
Author - Ursula Nafula
Translation - Ofosu Frimpong
Illustration - Catherine Groenewald
Language - Asante Twi
Level - First paragraphs