

Udoo, Erdoo ne Eryum boaboaa wɔn ho ano twaa maame ho hyiaeε. Bere a ɔdɔ pii wɔ ne koma mu na ne agyinahyεdeε wɔ ne nsam no, maame te ne menemu na ofii asɛm no ase:
Ná abaayewa ketewaa bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yana. Yana maame nuabea kaa sika kɔkɔɔ kukuo bi a ɛwɔ nyankontɔn bi awiei ho asɛm kyerɛɛ no.
Yana yɛɛ n'adwene sɛ sɛ ɔhwɛ wiem kyɛe a, obenya mmuae bi.
Ɔserew kyerɛɛ nnomaa no. Osusu sɛnea sika kɔkɔɔ no kɔɔ kukuo no mu no ho.
Na, ɛhe na obehu kukuo no wɔ nyankontɔn no awiei? Yana pɛε sɛ obεhunu beaε pɔtee no!
Bere a ɔresusu ne nyankontɔn hwehwɛ ho no, Yana huu apɔtrɔ bi a ne ho yɛ ahabammono sɛ ɔrehurihuri wɔ nnua no mu. Wantumi ansi ano, ɔne apɔtrɔ no huri twaa ne ho hyiaeε kakra.
Afei, ɔhwɛɛ wieεm no, ɔkaa kyerεε apɔtrɔ sε kwan dahɔ. Yana kɔɔ ne kwan so hwehwɛɛ nyankontɔn no awieε.
Ofiri aseε susu nyankontɔn no ahosuo ahodoɔ ho. Wɔ bere tiaa bi mu no, kɔkɔɔ dii kan baa n'adwenem.
Ɔkaee da a n'abusua nyaa akwanhyia bɔne esiane sɛ ofirikafoɔ bi annyina kanea kɔkɔɔ bi ho nti.
Yana daa ase efirisɛ obiara ampira kɛse, ɛwom sɛ na wɔn nyinaa ho atwitwa kakra deε. Obiara nyaa ehu kɛseε.
Wɔ kɔkɔɔ akyi no, Yana dwene ahosuo a ɛyɛ borɔdɔma no ho. Ná n'ani gye ankaa a ɛyɛ dɛ ho.
Nneɛma a ɛyɛ dɛ, ɛyɛ nwononwono ne nwononwono ne dɛ a onyae bere a na ɔredi ankaa.
Sɛ odwen ankaa a ɛyɛ nwono ho a, ɛmaa Yana ano yɛɛ dɛ! Yuck! So wunim saa dɛ no?
Yana dwene ankaa ho de kɔsi adua a εwɔ ayowa mu. Ɛma ne yafunu bubom. Ohui sɛ εkɔm de no.
Ná ɛsɛ sɛ ne nyankontɔn hwehwɛ no twɛn kakra. Ná bere aso sɛ ɔdi aduan bi!
Ͻtu mirika kɔɔ ne sewaa mukaase. Akokɔ ne paano panpan no tufa ne hwenemu.
Yana hohoro ne nsa kɔɔ biayε a aduane no wɔ. Ͻdi paano ne akokɔnam kakra, εna ɔnom nsuo.
Ͻhwεε nataadeε a εhyε no. Basabasayɛ bɛn ara ni! Nkekae a efiri akokɔ no mu, ne nsuo a ahwie agu mu. Enti ɔsesaa ne ho hyɛɛ atade beredum fɛfɛ bi.
Akyiri, Yana ne ne sewaa kɔɔ agodibea hɔ bom. Wɔn daa nsensan no so kenkan nwoma. Yana hwehwε nwoma no mu yie pεsε nani bεtwa sika kɔkɔɔ no soa.
Yana ne ne sewaa bom sereε, na wɔn hyεε aseε kenkan abasεm no bom.
Na ɛyɛ anansesɛm a ɛfa sɛnea nyankontɔn ahosuo ahodoɔ baa Tonota asase so, ne abarimaa ketewa bi a wɔfrɛ no Mpho ho.
Bere tenten nyinaa no, afifideε a ɛyɛ ahabammono ne asase akokɔ bin nkutoo na Tonotafoɔ nim. Nanso na Mpho da adaeso ahodoɔ a ɛfa mununkum a ɛwɔ anuonyam ahosuo ahodoɔ ho!
Ɔkaa n'adaeso ho asɛm kyerɛɛ mpanyimfo no. Wɔkaa sɛ, "Sɛ wobɔ ahosuo ahodoɔ no din a, yɛbɛtumi de aba nkwa mu."
Mpaninfoɔno bisaa mmoa firi osutɔfoɔ a wɔn wɔ asaase tam no nyinaa so. Na wɔn nyinaa bεhyiaeε.
Mpho fitiaseε dwenee ahyεnsodeε wɔne daeε mu. Afei nsεm wei ba nadwene mu, "Kɔkɔɔ, bibire, ankaahono, akokɔsradeε, bibitama, ahahammono, ne nsisihoo."
Ewiem ahyεnsodeε no kataa εsoro!
Mununkum no sɛn wim, na Nsutɔfoɔ no yɛɛ kurukuruwa, na wɔkurakura wɔn nsa.
Nsutɔfoɔno hwεε mununkum no, na εwiem ahosuo no atwa kankofa fεεfεεfε.
Wie yε Tonata nyankontɔn a edikan! Amanfoɔ no anigye yie.
Ɛna Mpho hunuu sε kukuo bi wɔ nyankontɔn no atifi. Kukuo a sika kɔkɔɔ ahyε no ma!
"Nyankontɔn ho asɛm a ɛyɛ nwanwa bɛn nie! Seesei mahunu baabi a menya me sika kɔkɔɔ kukuo no!"
Yana teɛɛm kyerɛɛ ne sewaa.
Ne maame nuabea no seree, n'ani gyeε sɛ ɔkaa ne mmofraberem asɛm a n'ani gye ho paa no kyerɛɛ ne wɔfase. "Nanso, nyankontɔn hwehwɛ biara nni hɔ mma wo! Sika kɔkɔɔ kukuo no, akwanhyia nkutoo na wobetumi ahu!"
Ne maame, gyinaa nsεm yi so de nyankontɔn abasεm no ba awieε. Udoo, Erdoo ne Eryum hurihuri de gyinaa hɔ bɔɔ no nsam.
Afei wɔkyekyere wɔn nsa te sɛ nsutɔfoɔ no, na wɔyɛɛ wɔn ho sɛ wɔn ankasa reyɛ wɔn nyankontɔn!
"Maame, so asase biara wɔ n'ankasa nyankontɔn ho asɛm?" Erdoo bisae wɔ adwene mu.
"Yiw, m'adɔfo," ɛna kae. "Tonota nyankontɔn no firi aseε wɔ Mpho adaeso a ɛfa mununkum a ɛyɛ ahosuo ahodoɔ ho. Na wokae Magical Rainbow Asubɔnten ne ne nyankontɔn ice-cream no?"
"Mmmm, nyankontɔn ice-cream, ɛno ne asɛm a m'ani gye ho paa," Eryum kaeε de anidasoɔ hwɛɛ maame bere a mmofra no boaboaa wɔn ano twaa ne ho hyiaeε bio no.

