Ͻkraman ne Denkyεm
Candiru Enzikuru Mary
Rob Owen

Da bi wɔ asubɔnten no ho no, Ɔkraman hunu nkosua bi wɔ anhwea no mu.

Obisaa ne ho sɛ, "Aboa bɛn na ogyaa saa nkosua yi wɔ ha?"

1

Ɔkan nkosua du na osusuwii sɛ ebia ɛyɛ Dabodabo dea.

Ɔde guu ne kotokuo mu.

2

Ɔde nkosua no kɔɔ fie de guu baabi a ɛhɔ yɛ hye.

3

Bere a Ɔkraman san kɔɔ asubɔnten no mu no, ohyiaa Ͻdenkyεm. Obisaa sɛ, "Woahu me nkosua?"

"Minnim wo nkosua no ho hwee," Ɔkraman buae.

4

Ͻdenkyεm fii ase kɔsraa mmoa no nyinaa bisaa ne nkosua ho asɛm.

5

Saa bere no mu no, nkosua no bobɔɔ baako baako.

6

Ɔkraman yɛɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛhwɛ ɔdεnkyεm mma no, nanso na aduan no ɛndɔɔso.

Ná εkɔm de Ͻdεnkyεm nkumaa no bere nyinaa.

7

Da bi Ͻdεnkyεm kɔɔ Ɔkraman fie kɔhwehwɛɛ ne nkosua.

Bere a ogyinaa abɔnten no, ɔtee sɛ Ͻdεnkyεm yafunu nketewa rebɔ!

8

Ͻdεnkyεm de ahoɔhare kɔɔ mu na ɔde ne dua bɔɔ Ɔkraman.

Ɔkraman teɛɛm na ohuruw faa mfɛnsere no mu.

9

Ͻdεnkyεm taa Ͻkraman koduu asubɔnten no ho.

10

Ɔkraman sui sɛ, "Mepa wo kyɛw, na minnim sɛ εyɛ wo nkosua!"

11

Ͻdεnkyεm gyee no dii na ɔde kyɛɛ no.

Ɔfaa n'asefoɔ kɔyɛɛ wɔn asudware adesua a edi kan.

12
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Ͻkraman ne Denkyεm
Author - Candiru Enzikuru Mary
Translation - Ofosu Frimpong
Illustration - Rob Owen
Language - Asante Twi
Level - First sentences