Khalai kasa kyerε nnua
Ursula Nafula
Jesse Pietersen

Wei ne Khalai. Wadi mfie nson.

Wɔ ne kasa Lubukusu mu no, ne din kyerɛ sε'nea eyε.'

1

Khalai sɔre na ɔne ankaa dua no kasa.

"Mesrɛ wo, ankaa dua, nyini bεyε kɛseε na ma yɛn aduaba a abere pii."

2

Khalai nante kɔ sukuu. Wɔ kwan so no, ɔne εserε no kasaeε.

"Mesrɛ wo, εserεnyin ahabammono na mma ɛnyo."

3

Khalai hu nhwiren.

"Mesrɛ wo nhwiren, kɔ so fefɛ sɛnea ɛbɛyɛ a metumi de wo ahyɛ me tiri nhwi mu."

4

Khalai kasa kyerε dua wɔ ne sukuu mu.

"Mesrɛ wo dua, dum nkorabata akɛseɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi akenkan wɔ wo sunsum ase."

5

Khalai ne εban dua no a atwa ne sukuu ho ahyia no kasaeε.

"Mesrɛ wo, nyini ahoɔden mu na bɔ yɛn ho ban firi nnipa bɔne ho."

6

Sɛ Khalai san kɔ fie a, ɔkɔsra ankaa dua no.

"So wo ankaa no abere de anaa?" Khalai bisaa dua no.

7

Khalai si apini sɛ, "Ankaa no da so yɛ ahabammono."

Khalai ka sɛ, "Mɛhu wo ɔkyena ankaa dua." "Ebia, wobɛnya ankaa a abere ama me!"

8
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Khalai kasa kyerε nnua
Author - Ursula Nafula
Translation - Ofosu Frimpong
Illustration - Jesse Pietersen
Language - Asante Twi
Level - First paragraphs