

Wei ne me kyerɛkyerɛni.
Ne din de Ɔkyerɛkyerɛni Akinyi dɔ yɛn paa.
Ɔkyerɛkyerɛni Akinyi kyerɛkyerɛ yɛn nkyerɛwde.
Ɔkyerɛ yɛn ɛnne nnyigyeε ahorow no. a, e, I, o, u.
Ɔkyerɛkyerɛni Akinyi kyerɛkyerɛ yɛn kɔla.
Minim kɔkɔɔ, bibire, ahabammono, akokɔ sradeε, ne tuntum.
Wɔ nna bere mu no, Ɔkyerɛkyerɛni Akinyi to dwom ma yɛda.
Ɛdwom no kɔ so sɛ:
Sika kɔkɔɔ nna ma w'ani.
Sika kɔkɔɔ nna ma w'ani.
Sereε retwɛn mo bere a mosɔre.
Da medɔfopa, ma munsu.
Na mɛto wo dwom a ɛyɛ dɛ.
Ɔkyerɛkyerɛni Akinyi nim abasɛm pii.
Ɔka asɛm soronko bi kyerɛ yɛn dapɛn no mu da biara.
Ɛda Dwoada, ɔka mmarima akɛseε ho nsɛm kyerɛ yɛn.
Ɛda Benada no, ɔka mmaa akɛseε ho nsɛm kyerɛ yɛn.
Ɛda Wukuada no, ɔka akwan ahodoɔ a yεfaso tukwan ho nsɛm kyerɛ yɛn.
Ɛda Yawoada no, ɔka kuayɛ ho nsɛm kyerɛ yɛn.
Ɛna εda Fida no, yɛka yɛn ankasa ho nsɛm kyerɛ yεn.
Yɛn kyerɛkyerɛni no ne ɔkyerɛkyerɛni a ɔsen obiara wɔ wiase!
Sɛ minyini a, mepɛ sɛ meyɛ sɛ Ɔkyerɛkyerɛni Akinyi.

