

Da bi Akadeli, Lucy, Acharait ne Mary kɔtetew wuram nnuaba.
Wɔkyekyeree wɔn nsa sɛ wɔretwa asubɔnten kɛse no.
Mmabaa no huu dua bi a nnuaba a abere ayɛ mu ma.
Wɔpenee so sɛ wɔbɛtetew nnuaba no a wɔn ani akata.
Lucy, Acharait ne Mary ankata wɔn ani.Akadeli nko ara na ɔtoo ne de.
Bere a wobuee wɔn ani no, na Akadeli nkutoo na watetew nnuaba a ɛnberee.
Lucy, Acharait ne Mary serewee wɔ Akadeli ho. Wofii hɔ kɔɔ fie.Akadeli tow nnuaba a ɛnberee no gui. Ofii ase tetew nea abere.
Ankyɛ, Akadeli de nnuaba a abere hyɛɛ ne kɛntɛn no ma.Ɔno nkutoo sii kwan so, twaa asubɔnten kɛse no.
Wɔ asubɔnten no fã no, Akadeli nnuaba no hwee nsu no mu.Ne bo fuwii na ofii ase sui.
Akadeli hunuu apataa kɛseɛ bi na ɔkyeree no.
Bere a Akadeli rekɔ fie no, ɔkraman bi faa apataa no.Ɔne no tu kɔe.
Ɔkraman no gyaw ntakra bi fii ne dua mu.Akadeli faa ntakra no na ɔtoaa so nantew kɔɔ fie.
Ohuu ayeforohyia bi a wɔyɛ no amammerɛ kwan so. Na asawfo hyɛ sare wɔ wɔn ti so sen sɛ wɔde ntakra bɛhyɛ wɔn ti sɛnea na wɔtaa yɛ no.Wɔfaa ne ntakra na wɔmaa no nantwinini kɛse bi!.
Akadeli ne ne nantwi no duu fie. N'awofo ne n'abusuafo ani gyei paa. Lucy, Acharait ne Mary pɛe sɛ anka wɔanni atoro ankyerɛ Akadeli.Na ɛyɛ da a ɛyɛ anigye ma Akadeli!

