Bankye ne Abε
Divine Apedo
Brian Wambi

Berε bi a atwam, Bankye ne Abε tinaa akurase a ɔfrε no Koowa.

Na wɔn yε nanfofoɔ. Na wɔn serasera wɔnho dabiara.

Wɔn yε akuafoɔ. Wɔyε adwuma den wɔ wɔn afuom.

1

Afe bi mu, nsuo antɔ. Nnɔbae no antumi anyini. Nnua no nyinaa wui. Nnipa anya aduane andi.

Bankye ne Abε dwene sε ɔbεkɔ kuro foforɔ so akɔpε adwuma.

2

Wɔ nam kwan so korɔ no, wɔ hyiaa maame bi. "Ͻkyea no maa no aha."

Maame no gyee wɔn so, na ɔbisaa wɔn sε, "Ͻrekɔ ehe fa?" "Yεε kɔ akɔpε adwuma ayε wɔ kuro a εtoa so no," Abε yi nano.

3

"Adwuma bεn na mo bεtumi ayε?" maame no bisaa wɔn. Nanfofoɔ no yi no ano, "Yε bεtumi ama mo abusua ne mo ayεnmoa nyinaa aduane."

Maame no bisaa wɔn sε, "Ɛdeεn na mo bεhia ama aduane no aba?" "Ma yεn asaase, nsuo na hwε yεn yie," wɔn yi nano.

4

Maame no de wɔn kɔɔ ne fie.

5

Awia bi, Abε ne Bankye gye wɔn ho akyinyeε. Bankye ka kyeεε Abε sε neho hia sene Abε.

Abε nso see no sε, ne ho hia paa sene no.

6

Maame no tee wɔn nka firi ne dan no mu. Opue ba abɔnten, "Adεn na mo ko ntɔkwa yi?"

7

Bankye dii kan ka n'sεm. "Me ho hia sene Abε dua. Yεde meyε fufuo, gari, bankye a yanoa ne bankye mɔle."

8

"Me mman na yεde dua. M'ahaban yε mmoa aduane. Edeεn na yεde abε yε?" Bankye bisaa no.

9

Abε seree, ɔwoso niti na ɔkaa sε, "Maame, wo kae sε abε nkwan a wopε paa no? Ɛnam me so."

10

"Ɛngo a yεde yε kpokpoi ne adwongo a yεde kye npataa ne εnam nyinaa nam me so. Ɛkwan bεn na wo bεfaso ayε forɔyε ahodoɔ nyinaa a wonhia εngo?"

11

"Deε me de toaso nie, yεde me bɔ εdan so. Afei nso, wopɔn adwuma a wobε hia nsafufuo akɔnɔakɔno a εdwodwo akoma anom."

12

"Ne korakorakora ne sε, prayε a yεde pra afie mu ne εdan mu nyinaa firi masoeε," Abε bɔɔ ne tɔfa.

13

"Hmmm!" maame no guu ahomee. "Mate me namfonom, ma tie mo nsεm no. M'ε siesie asεm no."

14

"Mo nyinaa mo ho hia me. Yεka mo bom a moyε dε papa. Fufuo ne abε-nkwan!" maame no kaa saa.

15

Maame no de bankye yεε fufuo ne abε-nkwan. Wɔfrε wɔn sε wɔnbra ma wɔn didi. Wɔn anigye aduane neho yie.

Efiri saa bere no, Bankye ne Abε ayε nanfofoɔ.

16
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Bankye ne Abε
Author - Divine Apedo, Elizabeth Nkrumah, Georgina Abbey
Translation - Ofosu Frimpong
Illustration - Brian Wambi
Language - Asante Twi
Level - Longer paragraphs