

Na εyε opebere wɔ kwayε wesee mu.
Tεtea ketewa no nni suo wɔ mmerε bebree mu.
Tεtea ketewa no sui, "Me pε nsuo kakra, sε efiri ahaban so mpo a me pε."
Nanso ahaban no nyinaa awo wesee.
"Sε manya nsuo a, mεwu," Tεtea ketewa no sui. "Ɛyε sε mekɔ nsua no mete ne nka no."
"Nsuo no ayε ma na ne ho nso εden. Sε wodi neho agorɔ a εde wo bεkɔ," oporo no bɔɔ wɔn kɔkɔ.
Nanso na nsukɔm de Tεtea ketewa no paa. "Mewu sε manya nsuo no bi anom a."
Enti, ɔkɔ kɔ hwehwε nsuo no bi.
Ͻnante twa εserε ahodoɔ so ne dua eman a awoɔ.
Ͻnante kɔsii sε ɔtee sε nsuo ebu faso.
Na εyε nsuo! Na ɔtesε nsuo no bubom sε asoakyee.
Na Tεtea no nom nsuo nobi de dwodwo ne bo.
Na nani gyee efirisε wanhunu asoakyee biara.
Tεtea ketewa no pεε sε ɔbεsɔ no bi nanso nsuo no deno kɔe.
Ͻteam sε paa akyεw sε, "Obi moa me. Obi moa me!"
Ɛna Abrɔnoma ka kyerε no sε, "Fro ntεm, si dua mman no a εhyε mano no."
Abrɔnoma fitaa no gyee Tεtea ketewa no nkwa firi nsuo no mu.
Tεtea no bɔ no tirim sε, "Mεtena ha kɔpem sε me nso mεda abrɔnoma no ase. Mεtwεn kɔpem sε ɔbεsan abεnom nsuo no bi."
Dakoro bi εberε a na ɔtwεn no, mmranteε mmienu baa nsuo no ho.
Na wɔn kita taya.
"Abrɔnoma fitaa kεseε baako bi ba bεnom nsuo," ɔbarima baako kaa saa.
"Yεn nkunu nfa nyε aduane ndi anadwo yi," ɔbarima baako no nso kaa bi.
"Me mpene ma wɔn nkuno, Tεtea no dwene ho." Nanso na ɔyε ketewa, enti εdeεn na ɔnyε?
Εmpofirim na Abrɔnoma no tu firi dua no so sε ɔbεnom nsuo.
Mmarima no a wɔn ha adwene no hyεε aseε sε ɔbεto buo abɔ Abrɔnoma no.
Tεtea ketewa nya adwene bi.
Tεtea ketewa no taree ɔbarima baako nanse.
Ͻka no dendenden.
Ͻbarima no hwiri. "Ouch!" Ͻteam.
Abrɔnoma fitaa no ho popoo na ɔtu kɔ gyina baabi yei.
Saa kwan no so na Tεtea ketewa no faa so gye Abrɔnoma no nkwa.

