Bonsam kɔn mu duku
Azeb Worku Sibane
Jacob Kono

Ͻbarima ɔdefoɔ bi tenaa ase a na ɔpε ɔbaa aware no.

Ɛberε a ɔware no, wɔyεε ayeforɔ kεseε maa nasɔre mpaninfoɔ bε hyiraso.

1

Wɔ ware mfie bebree a na ɔnwa εba, enti εma wɔn werε ho paa.

Ͻbaa no bɔ mpaeε pii sε ɔpε εba. Nanso ɔbaa no anfa afuro.

2

Da bi, Ͻkaa sε, matwεn aberε dodo. ''Obonsam, sε wo ma me ɔba a, mεyε duku fзɜfɜɜfɜ de ato wo kɔn mu.''

Obosome a edi animu no, Ͻbaa no faa afuro. Nani gye paa na ɔdii ne bɔhyε so.

3

Na ɔbaa no woo ba barima. Obiara ani gye maa no. Na ɔpεsε ɔde obonsam akyedeε no kɔ mano nanso ɔkae sε onim kwan a ɔbεfaso akɔ obonsam nkyεn.

Enti ɔkɔ susu ho kyerε opanin bi pε adwenkyerε.

4

Na opanin no ka kyerε no sε, ''Sε wo pεsε wo hu obonsam a, bεn asorefie. Wo bε hunu mmarima mmienu a wɔn gyina barima nyansani bi anim. Wɔn reko ntɔkwa. Deε wonti neho ase na ne bo afu no ɔnone obonsam! Di nakyi na fa duku no mano.''

5

Ͻbaa no twe bεn asorefie hɔ. Ͻhunu mmarima mmienu gyina nyansani no anim. Na onyansani no ka sε, ''Eyε! Afei mo nfiri mo akoma mu fa kyε.''

Ͻbarima no mu baako de kyεε. Baako no anfa ankyε εna otu tenee.

6

Na ɔbaa no frε no dii nakyi, ''Twεn! Me wɔ biribi de ma wo.'' Na ɔde duku no maa no.

Obarima no de abufuo bisaa no sε, ''Wei yε deεn?''

Ͻbaa no bua no sε, ''Ɛyε wakyεdeε.'' Na ɔbua no sε, ''Me nteaseε sε worekyε me adeε.''

7

Obaa no ka abasεm no kyerεε no. Ͻka sε, ''Wo ne obarima no a wo anfa ankyε no. Wei kyerε sε wo ne obonsam no.''

Na obaa no tenee ne nsa de duku no maa no.

8

Obarima no de amirika san kɔ asorefie hɔ. Na ɔbu nkotodwe wo barima baako no anim ka sε, ''Me de akyε wo. Wo nso fakyε me.''

Na obarima baako no nso buu nkotodwe. Wɔn ka bom yε atuu.

9

Obaa no toaso hwehwε obonsam no.

Yε ahwε yie sε duku no εmba wo hɔ.

10
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Bonsam kɔn mu duku
Author - Azeb Worku Sibane
Translation - Ofosu Frimpong
Illustration - Jacob Kono
Language - Asante Twi
Level - Longer paragraphs