

Mmerɛ bi a atwam no, Papa bi tenaa ase a na ɔwɔ mma mmarima mmiɛnsa. Na ketewa a ɔwɔ mu na ɔnim nyansa paa ara nti na ne Papa pɛ n'asɛm yie. Papa no hunuu sɛ ne mma mpaninfoɔ no ahusɛ wɔpɛ ketewa no asɛm sen wɔn, ɛno nti na wɔn ani bere no.
Papa no wuieɛ no ɔde ne nantwie no maa ne mma mpaninfoɔ mmienu no. Na ne ba ketewa no deɛ, ɔgyaa no nantwini baako pɛ. Wei nyinaa akyi no, na ne nnuanom ani bere no.
Da bi wɔn kaa sɛ, ''Ɛyɛ sɛ yɛ kum wo nantwini no.'' Esiane sɛ ɔyɛ ketewa nti, ɔne wɔn annye akyiniiɛ biara.
Na ɔka sɛ, ''Saa na ɛsɛ sɛ ɛyɛ, menni asɛm biara ka. Nanso mesrɛ mo, momma me ne nwoma no."
Wɔn kumm aboa no, de ne nwuma no maa no. Ɔgyee nwoma no hataeɛ. Ɛwoeɛ no, ɔde foroo dua kɔ sɛn so.
Sɛ ɛduru anwummerɛ no, akwantufoɔ adwadifoɔ bi bɛ tena dua no ase gye wɔn ahome. Ɛrekɔ anadwo no, abranteɛ yi de abaa boro nwoma no a ɔde asɛn dua no so no.
Sɛ ɔde abaa no bɔ so a, Ɛgyegye sɛ agradaa. Ɛba no saa a, adwadifoɔ no dwane gya wɔn nnoɔma no wɔ dua yi ase efiri sɛ, wɔsusu sɛ nsuo bɛtɔ.
Abranteɛ yi yɛ ne ntɛm sesaa wɔn nnoɔma yi nyinaa de kɔ ma ne nnuanom. Wɔbisaa no sɛ, "Ɛhenefa na ɔnyaa saa nnoɔma wei nyinaa?"
Ɔbua wɔn sɛ, "Nwoma no boɔ ayɛ den ɛno nti na baako pɛ ama no anya nnoɔma yi nyinaa."
Ne nnuanom de ahoɔhare so kumkumm wɔn anantwie no. Wɔn de nwoma no kɔɔ dwa so, "Yeretɔn nwoma! Yeretɔn nwoma!"
Adwadifoɔ yi see wɔn sɛ, "Yɛmpɛ mo nwoma ne mo nam biara!"
Anuafoɔ yi de aniberɛ see wɔn nua ketewa ni sɛ, "Wadaadaa yɛn, Ne saa nti yɛbɛhye wo dan no de atwe waso."
Onua yi a na nani ateɛ yi see wɔn sɛ, "Biribiara nni hɔ a mɛtumi ayɛ." Modeɛ mohye no a, momma me ne nso no.
Wɔhyee ne dan no. Ɔde nso no guu bɔtɔ mu de kɔɔ osikani bi fie. Osikani no maa no baabi daeɛ.
Berɛ a ɛrekɔ pɛ biribi adi no, Ɔsee osikani no sɛ, "Ɔnhwɛ ne bɔtɔ no so mma no na agudeɛ na ɛhyɛ mu."
Ɛduruu anɔpa no, ɔhyɛ aseɛ bɔɔ bena sɛ, "Obi afa n'agudeɛ no na ɔde nso ahyɛ ne bɔtɔ no mma!"
Osikani a ɔmpɛ animguaseɛ no ka kyerɛɛ no sɛ, ɔnka deɛ ɔpɛ biara na ɔmfa ma no. "Enti ɔde nnuane ahodoɔ bebree hyɛ ne bɔtɔ no mma maa no."
Onua no kɔɔ fie na ɔsee ne nnuanom yi sɛ, "Monhwɛ, ɛnɛ deɛ, nson nso boɔ ɛyɛ den wɔ dwa so. Metɔnn nso no, monhwɛ deɛ manya afiri mu."
Wɔde aniberɛ hyehyee wɔn adan de nson no kɔɔ dwa so nanso, "Amanfoɔ dii wɔn atɛm sɛ!"
Moyɛ agyimifoɔ, "Whan na ɔbɛtɔ nson, nso deɛ yɛde reyɛ deɛn?"
Wɔde abufuo yɛɛ sɛ ɔbɛkum wɔn nua ketewa no. Wɔkyekyeree no de kɛntɛn buaa no sɛ anka ɔbɛto no atwene baabi.
Berɛ a wɔde no rekɔ no, wɔhyiaa akɔkora bi, ɔsee wɔn sɛ, "N'anantwie adwane, na wɔn bɛtumi ahwehwɛ mmoa no ama no anaa?"
Anuafoɔ yi de kɛntɛn no sii hɔ dwane kɔeɛ.
Abranteɛ yi frɛɛ akɔkora no see no sɛ, "Ɛdeɛn na ɛha wo?"
Ɔbuaa no sɛ, "Wɔn pɛ sɛ meyɛ ɔhene nanso mempɛ."
Akɔkora no bisaa no sɛ, "Sɛ mehyɛ kɛntɛn no mu a, ɔbɛyɛ ɔhene anaa?"
Ɛna abranteɛ no see no sɛ, "Aane."
Akɔkora no kɔhyɛɛ kɛntɛn no mu maa berɛ a anuafoɔ yi baeɛ no, ɔfaa kɛntɛn no to twenee ɛma wɔn nua ketewa no faa akɔkora no anantwie de kɔɔ ne fie.
Ɛyɛɛ ne nuanom nwannwa sɛ ɔte ase. Na deɛ ɔbisaa no ne sɛ, "Ɔnyaa anantwie yi nyinaa wɔ hene?"
Ɔsee wɔn sɛ, "Anantwie bebree wɔ ɔbotan no ase. Sɛ wohyɛ kɛntɛn mu na mepia me fa obotan no so a, mobɛnya anantwie yi bi."
Ɔpiaa wɔn guu abotan no ase. Efiri hɔ no, ɔtenaa anigyeɛ mu daa.

