Daisy Nwanwani
Nozizwe Herero
Siya Masuku

Mmerɛ bi a atwam no, na afuom kumaa bi bɛn akura kumaa bi.

1

Na akokɔ ba bi a na wɔfrɛ no Daisy te hɔ.

2

Da biara na Daisy ka sɛ, "Ɔnyini a, ɔbɛtu akɔ soro soro wɔ wiem."

3

Nanso nkokɔmma nkaeɛ no seree no paa.

4

"Wo yɛ sononko," yɛne wo nni agorɔ bio. "Ne nfɛfoɔ ka kyerɛɛ no."

5

Daisy maame ka kyerɛɛ no sɛ, "Wɔn nyinaa bɛtumi abu wɔn ntaban mu nanso ɛyɛ den sɛ nkokɔmma bɛtumi atu."

6

Daisy bɔ n'ataban mu da biara sɔ ne ho hwɛ. N'aba mu ammu.

Ɔbɔ n'atanban mu saa nanso wantumi antu anfiri asaase no so.

7

Ɔgu so resɔ ne ho hwɛ no nyinaa na ɔhunu ne ho wɔ soro a na ne nnuanom nkaeɛ no wɔ fam. Ɔhunuu ne ho sɛ ɔretu akyɛn kasannomaa ne anka daade.

"Woo!" Na nkokɔmma no bɛka sɛ. "Akokɔba tumi tu!"

8

Ɛno nti ɔbobɔ, bobɔ,bobɔ, n'ataban mu da biara.

Daisy de ne ntaban bɛtu.

9

Ɔtu firi fam nanso ɔte hwee fam bio.

10

"Me ntu bio!" Daisy ka kyerɛɛ ne Maame. "Na deɛ ne nfɛfoɔ nso kaeɛ no yɛ nokware."

11

"Daisy, woyɛ sononko wɔ nkokɔmma nkaeɛ no mu. Na wɔn mpɛsɛ ɔtu nanso wodeɛ wopɛ! Wo bɛ tumi ayɛ," Ne maame ka kyerɛɛ no.

12

Adeɛ kyeɛ no, Daisy foroo nkokɔbuo no so ɛbobɔ, bobɔ, bobɔ ne ntaban mu.

Ɛna ɔtu kɔɔ wiem na ɔbobɔɔ nataban mu, na ɔbobɔɔ nataban mu ɛna…

13

BAM!

14

Nkokɔmma nkaeɛ no seree no paa.

"Ha ha ha! Sɛ yɛka kyerɛɛ wo! Nkokɔmma ntumi ntu!"

15

Nanso da ɛdi hɔ no, Daisy foroo dan so tu kɔɔ soro, soro, kyɛn da biara.

Ɛna ɔrebobɔ, bobɔ, n'ataban mu.

16

Daisy bobɔɔ ne ntaban mu. Ɔtu kɔɔ wiem bobɔ bobɔɔ ne ntaban mu....

17

Ɔkɔɔ so ara nenam wiem! Afei mframa bebree gyinaa ne nantaban mu na ɛmaa no tu kɔɔ soro soro koraa.

Na kasannomaa ne ankadaade kaa sɛ, "Ɛyɛ nwanwa! Akokɔba a ɔtu!"

18

Wei maa nkokɔmma nkaeɛ no pɛɛ sɛ wɔyɛ sɛ ɔno.

19

Na wɔn kaa sɛ, "Oo Daisy, wo ho yɛ nwanwa!"

20
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Daisy Nwanwani
Author - Nozizwe Herero
Translation - Ofosu Frimpong
Illustration - Siya Masuku
Language - Asante Twi
Level - First paragraphs