Akokɔnini no
Cissy Kiwanuka Luyiga
Magriet Brink

Mmerɛ bi a atwam no na aberewa bi nkoaa na na ɔte. Na ɔwɔ nkokɔ bebree.

Na akokɔnini bi ka wɔn ho, esiane sɛ wakyɛ no nti, na wɔntumi nbɔn anɔpa biom.

1

Dakoro bi maame aberewa no nana bɛsera no. Nani gye yie sɛ wahu no.

Ɔka kyerɛɛ ne sɛ ɔnkɔ kye akokɔnini no na ɔkuno na wɔn fa nyɛ aduane ma wɔn nni.

2

Akokɔnini no tee sɛ n'adwumawura ɛbɔ ne ho pɔ sɛ ɔbɛkuno, ɛno nti ɛyɛɛ n'akoma ya.

"Aa, wo nso w'anyini nanso obiara nkaasɛ ɔbɛkum wo. Adɛn nti na me. Yɛ bɛ hwɛ!"

Eno nti akokɔnini no dwanee firi fie hɔ, ɛna ɔde nani kyerɛɛ kuro keseɛ mu sɛ ɔkɔ na wakɔto dwom.

3

Ɛberɛ a akokɔnini no ɛkɔ no, ɔhyiaa agyinamoa. Agyinamoa no bisaa no sɛ, "Asɛm bɛn na aba? Na, wo ɛkɔ he?" Akokɔnini no see no sɛ, "Madamfo, ma dwumawura pɛsɛ ɔku me efirisɛ mentumi ɛbɔn anɔpa, afei nso mentumi nka eberɛ nkyerɛ no bio."

Agyinamoa no nso se no sɛ, n'adwumawura nso pɛsɛ ɔkuno efirisɛ ɔtumi nkye nkura bio. Agyinamoa no bisa akokɔnini no sɛ ɔbɛtumi aka neho akɔ kuro kɛseɛ mu anaa! Ɛna ɔbua no sɛ ɛkwan wɔ hɔ.

4

Wɔn nante kɔ kakra kɔpem sɛ ɔhunuu sɛ kraman bi etu amirika denden. Akokɔnini no bisaa no sɛ ɔpɛ ntɛm akɔ he. Ɛna kraman no bua no sɛ, "Madamfo, m'adwumawura apamo me afiri ne fie, efirisɛ mintu me nkye akurɔmfoɔ bio."

Ɛna Akokɔnini no kaa sɛ "Yɛn haw no nyinaa yɛ pɛ, ɛno nti yɛn nkɔ kuro keseɛ mu na yɛn nkoto dwom. Ɛna kraman no kaa sɛ, Mɛtumi aka mo ho?"

5

Mmoa mmiɛnsa yi sii kwanso. Ɛberɛ a wɔrekɔ no, pɔnkɔ gyinaa wɔn bisaa deɛ asie. Wɔn se no sɛ, "Yɛn adwumawura nom pɛ sɛ ɔku yɛn efirisɛ yɛn ntumi nyɛ yɛn adwuma bio."

Pɔnkɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, "Ɔwɔ saa haw no bi, na mo ɛkɔ hee? Pɔnkɔ no bisaa wɔn saa." Wɔn bua no sɛ. "Yɛrekɔ kuro keseɛ mu akoto dwom." Pɔnkɔ no bisaa wɔn sɛ, ɔpɛsɛ ɔka wɔn ho. Wɔn nyinaa gye too mu.

6

Ɔgusu rekɔ no adeɛ sa wɔn kwanso. Wɔn kɔtoo ɛdan, ɛna ɔtee dede wɔ ɛdan no mu. Ehuu bɔɔ wɔn, ɛno nti wɔn yɛɛ adwene sɛ ɔbɛto dwom de apamo wɔn a wɔwɔ fie hɔ no.

Pɔnkɔ no te gyinaa, ɛna kraman no sɔre gyinaa na kyi. Agyinamoa no toa so wɔ kraman no akyi, ɛna akokɔnini no toaso wɔ ɔkra no akyi.

7

Wɔn hyɛɛ aseɛ sɛ ɔto dwom. Akokɔnini no too dwom sɛ, "Kookoliookoo." Ɔkra no de nano too mu "Myaaawuu myaaawuu."

Ɔkraman no nso too dwom sɛ, "Woo woo." Pɔnkɔ no too dwom no bi, "Wuuuu wuuuu."

Wɔn nyinaa ka boomu too dwom no deedeeden. Sɛɛ na akorɔmfoɔ na ɛwɔ ɛfie hɔ, ehuu bɔɔ wɔn, ɛno nti wɔn dwanee firii efie hɔ.

8

Akokɔnini, ɔkraman, pɔnkɔ, ɛna ɔkra no bɔ wuraa efie hɔ. Wɔn hunuu aduane. Wɔn didi wieɛ no, wɔn nyinaa kɔ daeɛ.

Akokɔnini no da bɛn ɛpono no, ɛna ɔkra no toa ne so, ɔkraman no toa wɔn so na afei pɔnkɔ no.

9

Ankyɛ koraa na akurɔmfoɔ no san baeɛ. Wɔn panin no na ɔdii kan wuraa efie hɔ. Ɔbue ɛpono no na akokɔnini no sɔɔ ne nan.

Ɛna ɔkra no nso de ne bɔwerɛ tetii no. Ɛna ɔkraman no nso ka no.

10

Ɔpanin no hwirii si fie hɔ, ɛna pɔnkɔ no tiaa no so kum no.

Akurɔmfoɔ no nkaeɛ no dwanee na wɔn ansan wɔn akyi bio.

11

Mmoa no tenaa efie hɔ wɔ anigyei kwanso. Akokɔnini no kaa ɛberɛ kyerɛɛ wɔn, ɔkraman no nso bɔɔ wɔn ho ban.

Ɔkra no kye nkura a ɛwɔ efie hɔ nyinaa, ɛna pɔnkɔ no nso de wɔn kɔɔ baabiara a wɔn pɛsɛ ɔkɔ.

12
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Akokɔnini no
Author - Cissy Kiwanuka Luyiga
Translation - Ofosu Frimpong
Illustration - Magriet Brink
Language - Asante Twi
Level - Read aloud