Ɛnti ɛyɛ nokwasɛm sɛ Dedo adwene mu ka no?
Andrews Tawiah
Jesse Breytenbach

Na Dedo yɔ abaayewa a wasiso wɔ Ogorme akuraa ase. Na ɔwɔ suban sononko kyɛn mmaayewa nkaeɛ no. Ntaade fi a atete pasaa na na ɔde hyɛ.

Ne mpaboa nso ɔdanedane no hyɛ no benkum benkum.

1

Na Dedo nkasa obiara ho wɔ akuraa no ase. Ɔne obiara nso nyɛ adwuma mmom.

Ɔkasa ɔno ara ho, bɔ ne nsa mu hurihuri di akɔneaba.

2

Ɛtɔ da bi mpo a, Dedo sesa nnuane a ɛgugu fam di.

Nnuane a ɔsesa firi fam di no nyinaa akyi, ɔnyare da. Obiara nni akura no ase a wama no aduro mpo anom anaa wasɔ ne nsa de no akɔ ayaresabea akɔpɛ no ayaresa da.

3

Nnipa no bi a wɔwɔ Ogorme hunuu Dedo sɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, ɔyɛ bayifoɔ. Wɔdidi Dedo atɛm pii.

Wɔka kyerɛɛ no sɛ mma ɔmmɛsa nsuo wɔ beaeɛ a wɔn nyinaa sa nsuo a wɔnom.

4

Ɛduruu berɛ a wɔyɛ kuadwuma, na Dedo wɔ asɔ, sekan ne bokiti a ɛho nyinaa ayɛ fi.

Na ɔde asɔ ne sekan na ɛdɔ. Na afei, ɔde bokiti no nso sa nsuo gugu afuo no so.

5

Dedo duaa aburo ne nkateɛ. Na ɔyɛ adwuma wɔ n'afuo no mu da biara.

Na nnipa a wɔte Ogorme no bɛgyina n'afuo nkyɛn hwɛ nea ɛrekɔ so sane sere no. Wei nyinaa akyi wamfee wɔn a na ɔtoa so yɛɛ n'afuo.

6

Berɛ biara a ɔbɛyɛ adwuma wɔ n'afuo no mu no na ɔto nnwom sɛ akwadworɔ kum! Nnyɛ kwadwofoɔ. Na ɔkɔm bɛde wo.

Dedo reto dwom no nyinaa na ɔrebɔ ne nsa, hurihuri sane redi asa.

7

Bosome mmiɛnsa akyi no, mma a ɔduaeɛ no nyinaa soeɛ. Na aduru twaberɛ.

Aboro no nyinaa hono ayɛ ahaban mono fromfrom. Na aburo no nkɔmu yɛ nnodoeɛ.

8

Nnipa a wɔwɔ Ogorme kɔɔ Dedo hɔ kɔsrɛɛ ne nkateɛ ne n'aburo no bi.

Ɛno deɛ ɔmaa wɔn bi nanso nnipa bɔnefoɔ binom nso bɔ wuraa n'afuo no mu wɔ berɛ a ɔnni hɔ kɔwiaa no.

9

Dakoro, Ɔhɔhoɔ bi baa Ogorme ɔhunuu Dedo wɔ n'afuo no mu. N'ani gyee adwuma pa a Dedo ayɛ no ho.

Ɔhohoɔ no kyea no sɛ, "Ayekoo!" Nanso Dedo ammua no.

10

Ɔhɔhoɔ no ante Dedo ase. Yei nti ɔkɔɔ akuraa no ase kɔyɛɛ mfeefee mu faa Dedo ho.

Nnipa a wɔwɔ Ogorme akuraa no ase ka kyerɛɛ ɔhɔhoɔ no sɛ Dedo abɔ dam.

11

Ɔhɔhoɔ no kɔgyinaa Dedo afuo no nkyɛn baabi hwɛɛ no hwɛ hann ne n'adwuma no, ɔbisaa ne ho sɛ, "Ɛnti ɛyɛ nokwaresɛm sɛ, Dedo adwene mu ka no?"

12
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Ɛnti ɛyɛ nokwasɛm sɛ Dedo adwene mu ka no?
Author - Andrews Tawiah, Paul Teye, Victoria Wellington
Translation - Ofosu Frimpong
Illustration - Jesse Breytenbach
Language - Asante Twi
Level - First paragraphs