Fati ne ɛwoɔ dua no
Osu Library Fund
Therson Boadu

Na Fati yɛ abaayewa ketewa bi a ɔtu mirika sɛ mframa.

Ɔpɛ sereɛ na afei nso ɔbɔ ne ho mmɔden sɛ ɔbɛyɛ adeɛ biara yɛde ahyɛ ne sa.

1

Dakoro bi, Fati ne ne papa tenaa dadepɔnkɔ so kɔɔ afuom kɔ dɔɔeɛ.

2

Ankyɛ koraa na Fati ka kyrɛɛ ne papa sɛ, ne ho ayɛ ahye afei nso waberɛ. "Mɛtumi atena a mango dua no ase?"

Ne papa see no sɛ, "Aane Fati, wobɛtumi na mmom hwɛ yie na wamforo dua no."

3

Fati tenaa amango dua no ase.

Fati hwɛɛ soro na ɔhunu amango baako, mmienu, mmiɛnsa sɛ abere!

4

Fati hwɛɛ ne papa hunuu sɛ ɔnhwɛ no a n'ani abere reyɛ adwuma no koom.

Fati hyɛɛ aseɛ sɛ ɔreforo amango dua no. Ɔsusuu sɛ ɔbɛtena, ɛhɔ yɛ beaeɛ bi a ɔbɛtumi ahome asore adi amango no.

Enti ɔtena hɔ diiɛ.

5

Ɔdii amango no weeiɛ no, ɔsii fam.

Ɛhɔ ara na ɔsane hunuu mmiɛnsa foforɔ.

Saa dua yi deɛ na biribi fam n'akyi. Na ɛyɛ ɛwoɔ.

6

Na ɛyɛ ɛwoɔ, Fati pɛ woɔ nanso wowa no deɛ na ɔmpɛ wɔn asɛm!

Fati pagyaa n'ani na ɔhunuu wowa ketewa baako.

7

Na Fati nim sɛ, wowa ketewa baako pɛ na ɛwɔ hɔ, "Sɛ me foro dua no mpo a, ɔntumi nyɛ me hwee."

8

Fati hwɛɛ ne papa. Na ɔnhwɛ faako a fati wɔ no.

Enti Fati foro kɔɔ duro soro kɔtee ɛwoɔ no wɔ bɔn a ɛmu dɔ paa ara.

9

Fati susuu sɛ, "Ɔbɛtena ɛhɔ ara. Ɛyɛ beaeɛ a ɔbɛtumi ahome asane adi ewoɔ dɛdɛɛdɛ no."

Enti ɔtenaa hɔ diiɛ.

10

Berɛ a ɔdii woɔ no wieɛ no, ɔsii fam ɛna ɔhunuu wowa bebree.

Bizz! Bizz ! azz !

Fati dwaneeɛ.

11

Fati de mmirika kɔɔ ɔpapa nkyɛn a na ɔretee so.

Ne papa bisaa no sɛ, "Fati na wowɔ hee?"

Na Fati mpɛ sɛ ɔbɛka biabiara a ɔkɔ hyɛɛ.

12

Enti Fati kaa sɛ, "Papa hwɛ mewɔ amango wobɛdi?"

Ne papa see no sɛ daabi. Ɛwɔ sɛ yɛkɔ fie seesei ara. Nsuo no pɛ sɛ ɛtɔ.

13

Fati tenaa ne papa akyi wɔ dadepɔnkɔ no so berɛ a na wɔrekɔ fie no.

Nsuo no hyɛɛ aseɛ a na ɛretɔ.

14

Ne papa kɔɔ mmirika boroo so.

Dadepɔnkɔ no firii ne kwan so kɔ hwee baabi.

15

Dadepɔnkɔ no kɔhwee Fati nan so.

16

Na fati suieɛ.

17

Ɔduruu fie no, ne nana ne ne maame bisaa no sɛdeɛ na afuom hɔ teɛ.

Ne papa ka kyeerɛɛ wɔn sɛ, "Fati foroo dua."

Fati nso see wɔn sɛ, "Ne papa de mmirika ntɛntɛ de dadepɔnkɔ no hwee hɔ."

18

"Oh, ne maame maa no kafra."

"Kafra, kafra, Fati," ne nana see no.

Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ wo nan no yie. Ɛna ɔyɔeɛ. Ɛno nso awieɛ no no.

19
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Fati ne ɛwoɔ dua no
Author - Osu Library Fund
Translation - Ofosu Frimpong
Illustration - Therson Boadu
Language - Asante Twi
Level - First paragraphs