

Da biara, na Etwie pԑsԑ ↄkyi Adowa.
Na da biara nso adowa dwane firi Etwie nsam.
Dakoro bi, Etwie ka kyerԑ Adowa sԑ, "Yԑ madamfo. "Nnia wo bedi no me nni. Hwee nni hↄ a ԑbԑ ma yԑn atan yԑ ho."
Adowa ne no yԑԑ adwene. Enti Etwie kaa sԑ, "Yԑn ka tam sԑ yԑ bԑyԑ nnamfoↄ. Sԑ yemu baako bu tam yia, ni ba be wu."
Wↄ kaa tam sԑ wↄ bԑyԑ nnamfoↄ. Anadwo biaa, Adowa daa dua bi asi. Etwie daa dua ni dubaa so ԑwↄ soro.
Ankyԑ biaa adowa yԑԑ kԑseԑ. Etwie yԑԑ teaa.
Na Etwie pԑ sԑ odi Adowa sԑ dia wayԑ kԑseԑ no. ↄkakyerԑ ni ho sԑ, "Sԑ yԑ kaa tam kraa ԑnfa me ho. Me kraa me nni ba!"
Etwie tu hyԑԑ Adowa so. Nanso dubaa mmienu kyee no.
Adowa bↄↄ hu. Ohuriԑ na osuu sԑ, "Beh! Beh!"
Etwie paa kyԑw sԑ, "M'adamfo, boa me. Yԑ yԑԑ y'adwene sԑ, nia ↄbԑsԑi ayankofa ntam no bԑ hwere ni ba."
Adowa yii ano sԑ, "Gyama w'awofoↄ na ԑkaa ntam no. Afei deԑ akyekyere wo!"

