

Nairobi kurowpɔn no fa baabi a atew ne ho afi kurow no mu na mmarimaa bi a wonni ahwɛfo de yɛɛ wɔn atenae. Wɔn de, sɛnea ade bɛkye wɔn nko ara na wɔhwɛ anim. Da koro anɔpa bi na mmarimaa no rehyehyɛ wɔn kɛtɛ a wɔdedaa so no wɔ petee mu baabi a na ɛhɔ yɛ wiridudu. Sɛnea ɛbeyɛ a wɔn ho bɛyɛ hyew no nti, wɔboaboaa wura ano sɔɔ gya toe. Na abarimaa bi a wɔfrɛ no Magozwe ka mmarimaa kuw yi ho. Ɔno ne akumaa koraa wɔ kuw no mu.
Bere a Magozwe awofo wui no na wadi mfe anum pɛ. Ɔkɔtenaa ne wɔfa nkyɛn. Saa ɔpanyin yi antew n'ani anhwɛ abofra yi yiye. Na aduan a ɔde ma no nnɔɔso. Nso na ɔma abofra no yɛ adwumaden ahorow pii.
Sɛ Magozwe nwiinwii anaasɛ obisa asɛm bi a, ɛhɔ ara na ne wɔfa yi ahwe no. Sɛ Magozwe bisa no se obetumi akɔ sukuu a, ne wɔfa no hwe no ka kyerɛ no se, "Wunni nyansa a wɔde sua ade biara." Magozwe antumi saa aninyansɛm a na ne wɔfa de no fa so no anim. Enti mfe abiɛsa akyi no, oguan kɔtenaa abɔnten so bɔɔ ne bra.
AbÉ”nten so tena abrabÉ” yÉ› bÉ”na enti mmarima no fa kÉ›se ara na wÉ”brÉ› ansa na wÉ”anya wÉ”n ano aduan. ÆtÉ” bere bi a wÉ”kyere wÉ”n, bere bi wÉ” hÉ” nso a wÉ”hwe wÉ”n. SÉ› yare bÉ” wÉ”n a wonnya É”hwÉ›fo biara na waboa wÉ”n. Ade a na kuw no yÉ› de pÉ› sika ne sÉ› wÉ”bÉ›tontÉ”n nneÉ›ma bi a wÉ”de aman ayeyÉ› ne afoforo a yÉ›de abÉ” bra atow agu na wÉ”asesa adan ani de ayÉ› ade foforo. Ade a na âsan ma É”bra mu yÉ› den bio nso yÉ› ntÉ”kwaw a akuwakuw bi a wÉ”wÉ” kurowpÉ”n mu hÉ” a wÉ”ne wÉ”n ho wÉ”n ho nka de gyina mu, pere sÉ› wÉ”begye kurow no mmeaemmeae bi abÉ” so.
Da koro bi Mogozwe rewhehwɛ ade a wɔde wura gu mu, ɛnna ohuu abasɛm nhoma dedaw bi a atetew. Ɔpepaa fi a ɛwɔ ho no de hyɛɛ ne kotoku mu. Daa ne daa ɔfa nhoma no hewhwɛ mfoni a ɛwɔ mu no. Onnim sɛnea wɔkenkan nsɛm a ɛwɔ mu no.
Na mfoni no ka abarimaa bi a onyin bÉ›yɛɛ wimhyÉ›nkafo ho asÉ›m. Na É›yÉ› Magozwe adaeso sÉ› anka É”bÉ›yÉ› wimhyÉ”nkafo. ÆtÉ” bere bi a, É”fa ne ho sÉ› É”no ne abarimaa no a É”wÉ” abasÉ›m no mu no.
Da bi awɔw mu na Magozwe gyina kwan mu resrɛsrɛ sika. Ɔbarima bi kɔɔ ne nkyɛn kae se, "Awɛ, wɔfrɛ me Thomas. Ɔbarima no kɔɔ so kae se, m'adwuma mu wɔ ha yi ara, wubenya biribi adi wɔ hɔ. Ɔde ne nsa kyerɛɛ ɔdan bi a wɔde akokɔsrade aka ho na ne nkankyee a ɛbɔ so no yɛ bluu. Obisaa no se migye di sɛ wobɛkɔ hɔ akogye aduan anaa?" Magozwe hwɛɛ ɔbarima no anim san hwɛɛ ofi no na obuae se, "Ebia," na ofii hɔ kɔe.
Asram a edidi so no nyinaa mu na mmarima a wonni tenabea wɔ ofi mu no ani aka Thomas anim enti no wɔkɔhwehwɛ no. Na nkɔmmɔ a ɔne wɔn di no ara fa nkurɔfo a wɔde abɔnten so ayɛ wɔn tenabea no ho nsɛm. Na Thomas tie abasɛm a ɛfa nkurɔfo abrabɔ ho. Ɔyɛ obi a ɔmfa asɛm nni agoru na ɔwɔ ntoboase nso, na ɔnyɛ ahomaso anaa obi a ommu ade. Mmarimaa no bi hyɛɛ ase kɔgye aduan wɔ ofi a wɔaka ho akokɔsrade na ne mmɔso no yɛ bluu awia nnɔndumien.
Na Magozwe te abo nsÉ”wee so rehwÉ› ne mfoni nhoma no mu na Thomas bÉ›tenaa ne nkyÉ›n. Thomas bisaa no se, "Mfoni no ka dÉ›n ho asÉ›m?" "Æfa abarimaa bi a É”bÉ›yɛɛ wimhyÉ›nkafo ho asÉ›m." "Abarimaa no din de dÉ›n?" Thomas bisaa abarimaa do din. Magozwe kaa no brÉ›oo se, "Minnim, mintumi nkenkan."
Bere a wohyiae no Magozwe fii ase kaa n'ankasa abrabÉ” mu nsÉ›m kyerɛɛ Thomas. Na asÉ›m no fa ne wÉ”fa ho, ne nea enti a oguan fii ne nkyÉ›n. Thomas ankasa bebree É›nna wankyerÉ› Magozwe nea É›wÉ” sÉ› É”yÉ›, na mmon otiee no aso pa mu. ÆtÉ” bere bi na sÉ› wÉ”redidi wÉ” ofi a ne mmÉ”so yÉ› bluu no hÉ” a, wÉ”bÉ” nkÉ”mmÉ”.
Aka kakraa na Magozwe awoda a ɛto so du adu so no, Thomas maa no abasɛm nhoma foforo. Na ɛfa abarimmaa bi a ofi akuraase na onyini bɛyɛɛ bɔɔlbɔni na ne din hyetaa wɔ mmaa nyinaa ho. Thomas kenkan abasɛm no kyerɛɛ Magozwe mpɛn pii na afei de, da koro bi ɔkae se, "Medwene sɛ bere adu sɛ wokɔ sukuu kosua akenkan ne akyerɛw na wodwene ho dɛn?" Thomas kyerɛɛ mu sɛ, onim baabi a mmofra tumi kɔtena kɔ sukuu.
Magozwe de beae a wɔka ho asɛm ne sukuu a ɔrebɛkɔ no ho asɛm kɔɔ adwendwene mu. So ɛyɛ ampa sɛnea na ne wɔfa reka sɛ ɔyɛ kwasea a ontumi nsua hwee no anaa? Afei koraa nso sɛ wɔboro no wɔ atenae foforo no hɔ ɛ? Ehu fii ase kaa no. Ɔdwenee sɛ ebia abɔnten so tena no mmom bɛyɛ papa ama no.
Ɔkaa ehu a abɔ no no ho asɛm kyerɛɛ Thomas. Bere ne bere nyinaa ɔbarima yi ma no nkuranhyɛ sɛ n'abrabɔ bɛyɛ kama wɔ beae foforo hɔnom.
Æno nti Magozwe tu kÉ”tenaa ofi a ne mmÉ”so no yÉ› ahabammono hÉ”nom. Na É”ne mmarimaa baanu na wÉ”da dan mu hÉ”. Na mmofra a wÉ”te ofi hÉ” no nyinaa yÉ› du. Na Autie Cissy ne ne kunu te hÉ” bi ne wÉ”n nkraman abiÉ›sa, agyinammoa ne abirekyi a wanyin yiye ka wÉ”n ho.
Magozwe fii sukuu no ase no, na adesua mu yÉ› den ma no. Na nneÉ›ma pii wÉ” hÉ” a, É›wÉ” sÉ› osua sÉ›nea É›bÉ›yÉ› na obetumi atiw asuafo adadawfo no. ÆtÉ” bere bi a na É”pÉ› sÉ› anka ogyae koraa. Nanso, É”kaee asÉ›m a É›fa wimhyÉ›nkafo no ne bôllbÉ”ni no ho wÉ” abasÉ›m nhoma no mu no. SÉ›nea na nkurÉ”fo baanu yi abrabÉ” te mfiase no hyɛɛ no nkuran se É”no nso gyina pintinn a É”bÉ›yÉ› te sÉ› wÉ”n ara pÉ›.
Na Magozwe te ofi a ne mmɔso yɛ ahobammono no adiwo hɔ a ɔrekenkan abasɛm nhoma a ɔde fi sukuu bae no. Thomas bɛtenaa ne nkyɛn. Thomas bisaa no se, "Abasɛm nhoma yi ka dɛn ho asɛm?" Magozwe buae se, "Ɔka biribi fa ɔkyerɛkyerɛfo ho." Thomas bisaa se, "Abarimaa no din de dɛn?" Magozwe nwennwenee se, "Ne din de Magozwe."

