

ÆmmerÉ› tenten bi a atwam, ohene bi tenaa ase a na wÉ”frÉ› no Kayanja. Na É”ne ne hemaa ne wÉ”n babaa Apenyo na É›te ahemfie. Ɔhene babaa Apenyo yÉ› É”baayewa ahoÉ”fÉ›foÉ” a na É”barima biara pÉ› sÉ› É”bÉ›ware no. Nanso É”hene Kayanja de atwameneboÉ” too ne tiriadeÉ› so.
Na ɔhene bi nso te bɛn ɔhene Kayanja ahenfie hɔ a wɔfrɛ no Ɔkɛseɛ Aludah. Na wɔfrɛ no "Ɔkɛseɛ" ɛfiri sɛ na obiara a ɔwɔ brɔno no so no yɛ setie ma no. (Sɛ obi yɛ asoɔden a ɔne nipakorɔ no di no nwononwono!) Na ɔhene Aludah repɛ yere foforɔ ɛfiri sɛ na huraeɛ akum ne yere ɛberɛ tiawa bi a atwam no.
Æno nti É”hene akwakora kÉ›seÉ› yi kɔɔ É”hene Kayanja hÉ” sÉ› É”rekotua ne babaa tiriadeÉ› ama no. ÆberÉ› a na mmarima baanu yi redi abooboo wÉ” tiriadeÉ› no ho no, afenaa Kakembo tee wÉ”n nkÉ”mmÉ” no. Afenaa Kakembo yi bÉ›n É”hene babaa Apenyo paa yie.
Ɔhene Aludah gyee apene sɛ ɔde n'agyapadeɛ mu fa bɛma ɔhene Kayanja, ɛne paneɛ a ɛka ɔbaa tiriadeɛ ho. Ɔhene Aludah yɛɛ ɔhene babaa Apenyo awareɛ no ho nhyehyɛe wɔ ɛsum ase. Na ɔhene no nim sɛ ne babaa no ani ɛnngye saa nhyehyeɛ yi ho.
Aka nnawɔtwe na adehyeɛ ayeforohyia no aduru so no, afenaa Kakembo kɔɔ Apenyo nkyɛn. Kakembo kaa sɛ, "Me dɔfo ɔhene babaa, wo papa ahyehyɛ wo ne ɔhene Aludah ayeforɔhyia, na ɛbɛba so nnawɔtwe baako a ɛreba yi ara."
Ɔhene babaa Apenyo ho dwirii no na ahyÉ›aseÉ› no na É”nhu deÉ› É”nyÉ›. Afei É”faa adwene sÉ›, "Menware É”hene Aludah da, saa akÉ”kora kÉ›seÉ› no. Dabida! ÆsÉ› sÉ› me yÉ› ntÉ›m kÉ” Trevor hÉ” na mehwÉ› deÉ› É”bÉ›tumi ayÉ› ansaa na aka akyire." Trevor yÉ› É”hene babaa no mpena.
Saa anadwo no ara Apenyo yɛɛ nwaa pue firii ahenfie hÉ”. SÉ› ne papa hunu baabi a É”rekÉ” ane bo bÉ›fu yie. Ɔdwane faa kwaeÉ›berentuo bi mu, tratraa abotan ne mfofo mu kosii sÉ› É”kÉ”duruu Trevor hÉ”. ÆberÉ› a É”kÉ”duruu ne fie hÉ” no na wabrÉ›, É›kÉ”m, É›ne sukÉ”m de no.
Trevor bisaa no sɛ, "Me dɔfo, adɛn na wo nko ara de mmirika twa kwantenten saa anadwo berɛ yi?" Ɔsaa nsuo maa no nomee na ɔmaa no gyee n'ahome. Na Trevor ntumi ngyina faako, berɛ a na ɔretwɛn sɛ Apenyo bɛkasa.
Trevor bisaeɛ sɛ, "Me dɔfo ɔhene babaa, ɛyɛ asɛm bɛn?" Apenyo guu ahomekokoɔ kɛseɛ de awereɛhoɔ kaa sɛ, "Me papa pɛ sɛ ɔde me ma ɔhene Aludah Ɔkeseɛ awareɛ. Nanso merentumi nnware saa ɔbarima a ne ho huhuuhu sɛ yi. Trevor, sɛ ahia wo mpo a woara na mɛware wo. Mayɛ krado sɛ mɛhunu amaneɛ. Medɔ wo."
Trevor de awerɛhoɔ kaa sɛ, "Ɔhene babaa, menni hwee a me de bɛtua wo tiriadeɛ, wonim sɛ meyɛ abarimaa hiani." Apenyo buaeɛ sɛ, "Menim, nanso wo nko ara na mɛtumi aware wo." Ɔdwenee kakra na ɔkaa sɛ, "Ma yɛnkɔ Kategga kodoɔwura no hɔ, na ɔmfa yɛn ntwa nkɔ asuogya. Saa kwan yi so na yɛbɛtumi afa adwane a me papa nhu yɛn akyiri bio."
Wɔ ahenefie hɔ no, ɔhene Kayanja ahunu sɛ ɔhene babaa Apenyo adwane enti ɔhyɛɛ ne nkoa sɛ wɔnkɔ nkuraa no ase nyinaa nkɔhwehwɛ no mmra. Ɔhene no awenfoɔ, asraafoɔ ne obiara hwehwɛeɛ nanso wɔanhunu ɔhene babaa Apenyo. Wɔsan kɔɔ ɔhene no hɔ kɔbɔɔ no amaneɛ sɛ wɔanhunu Apenyo wɔ baabiara. Ɔhene Kayanja hyɛɛ wɔn ketee sɛ, "Monkɔ ɛwiram nkɔhwehwɛ no." Ne bo afu yie.
ÆberÉ› a É”hene babaa Apenyo ne Trevor repÉ› ntÉ›m adwane akÉ” asubÉ”nten no ho no, mmununkum tuum bi hyɛɛ aseÉ› boaboaa ano wÉ” ewiem. Na ahunum denden bi rebobÉ” ba.
ÆberÉ› a kodoÉ”wura Kategga rekyekyere ne bonto no na mmabunu awarefoÉ” yi baa ne nkyÉ›n. Trevor ka kyerɛɛ Kategga sÉ› É”mfa wÉ”n ntwa asubÉ”nten no. Kategga ampene so, na É”kyerɛɛ wÉ”n mu sÉ› ahunum kÉ›seÉ› bi rebobÉ” ba É›hareso a É›yÉ› hu yie.
Trevor hyɛɛ no ketee, kyerɛɛ mu kyerɛɛ Kategga deÉ› enti a É›sÉ› sÉ› wÉ”twa asubÉ”nten no. Afei É”de ne nsa hyɛɛ ne bÉ”tÉ” mu yii sedeÉ› a É”de rebÉ›ma Kategga. ÆberÉ› a Kategga tee wÉ”n asÉ›m no, na É”hwɛɛ sika sedeÉ› no fÉ› no, wÉ”n adeÉ› yɛɛ ne mmÉ”bÉ”. Ɔpenee so sÉ› É”de wÉ”n bÉ›twa asubÉ”nten no, É›mfa ho ne É›wiem a ayÉ› basaa.
Kategga twee kodoÉ” no kɔɔ nsuo no ano, na É”ka kyerɛɛ wÉ”n sÉ› wÉ”nkÉ”tena mu. Ɔfaa ne tabono na É”firi aseÉ› hareeÉ›. ÆberÉ› a É”hene Kayanja ne É”hene Aludah duruu asubÉ”nten no ho no, wÉ”hunuu nnipa baasa wÉ” kodoÉ” no mu. WÉ”nyaa wÉ”n ho ntease sÉ› adÉ”fo no anya adwane.
Mframa denden bi wosoo kodoÉ” no a Kategga antumi anyÉ› ho hwee. Ɔhene Kayanja team sÉ›, "Apenyo, mepa wo kyÉ›w san w'akyi bra! Mede wo bÉ”ne akyÉ› wo na merentwe wo ne Trevor aso bio." Nanso na aka akyire. KodoÉ” no muntumuiÉ› too nnipa baasa no guu nsuo no mu. WÉ”n nyinaa memee. Æfiri saa da no, obiara a É”wÉ” É”hene Kayanja ahennie mu no tumi ware obiara É”pÉ›, sÉ› wÉ”yÉ› asikafoÉ” anaa ahiafÉ”.

