African Storybook
Menu
Mmarimaa a wↄyerae
Felix Kwame Senanu
Andrews Opoku Antwi and Michelangelo Quaye Anang
Akwapem Twi
Anomaa antua a obua da, yɛ kurow kumaa bi a ɛwↄ Mmeampɛhia manin mu wↄ Ghanaman mu.

Kurow no mu adwuma titiriw ne kuayɛ. Saa kuro yi mu akyide biako ne sɛ, ɛnsɛsɛ obiara kↄ kwae mu Wukuwda. Ase ne sɛ da no yɛ dabone. Obiara a obu saa mmra yi so no hyia ↄhaw bi.
Saa kurow yi mu ara na mmerantewaa du bi tenae. Na saa mmerantewaa yi ani nnye sukuu kↄ ho.

Asram Kitawonsa ne Ayɛwohomummↄ yɛ osram a osu taa tↄ. Edu saa bere no a nwaw ho nyɛ na. Saa bere yi nso na mmerantewaa yi kↄ nwaw pɛ.
Wukuwda anwummere bi, mmerantewaa yi boaboaa wↄn ho too wↄn ho guu kwae mu. Na wↄrekↄpɛ nwaw na wↄatↄn no Yawda a ɛyɛ kurow no gua da no.
Bere a woduu kwae no mu no, ankyɛ koraa na wonyaa nwaw pii. Eyi ma wↄn anigyei yiye.

Wↄde anigye kanee nwaw dodow a wↄn anya no. Eyi maa wↄn werɛ fii sɛ bere rekↄ.
Bere a wↄde anigye rekↄ fie, wↄrekasa na wↄresereserew no, wↄyeraa wↄn kwan.

Wↄnantewee, nantewee, nantewee hwehwɛɛ wↄn kwan ara nanso wↄanhu kwan no ankↄ kurow no mu.
Woguso nam no ara, ɛna ade sae. Afei, na kwae no mu ayɛ hu yiye. Kwae no mu mmoa no mu su no bↄↄ wↄn hu. Wↄn mu bi fii ase sui, na wↄn nyinaa ho popoe.

Wↄkↄpɛɛ ↄbotan bi ase hintawee. Eyɛɛ wↄn sɛ ade renkye da.
Ewom ara na ade kyee. Mmrantewaa yi mu kumaa no de awerɛhow ne osu bisae sɛ, "Afei de dɛn na yɛbɛyɛ?"

Wↄn mu panyin no kae sɛ wↄnsan nkↄpɛ ↄkwan foforo mfa so. Wↄnantew kakra no, wↄkↄpue asubↄnten bi ho. Wↄn nyinaa yɛɛ sɛɛ wↄbɛguare atwa asu no.
Wotwaa asu no wie no, obiako de adwene bae sɛɛ ɛsɛsɛ wↄnkan wↄn ho hwɛ sɛ wↄn aso anaa. Ɛhↄ na ohuu sɛɛ wↄnmu biako ayera.
Wↄkanee wↄn ho wↄn ho mpɛn pii nso wↄn annu du. Ɛno nti wofii ase teɛteɛɛm sui efisɛ na wↄdwen sɛɛ asu no de wↄn mu biako kↄ.
Osu ne nteɛteɛɛm no maa ↄbↄmmↄfo bi tee wↄn nka. Otwiw bɛnee wↄn bisae wↄn se, "Dɛn asɛm na aba me mma?"
Mmofra no kaa wↄn nsɛm nyinaa kyerɛɛ ↄbↄmmↄfo no.

Ɔbↄmmↄfo no maa wↄn mu biara mmabaa asinasin kura kurae. Afei, ofii ase gyee wↄn mu biara de. Bere a ↄregye no nyinaa na ↄne mmofra no rekan. Wↄyɛɛ saa kosii sɛɛ wↄkan nnipa du.
Mmofra no anigyei. Wↄserew, yɛyɛɛ wↄn ho wↄn ho atuu.

Ɔbↄmmↄfo no kasa kyerɛɛ wↄn sɛɛ mma wↄnkↄ kwae mu dabↄne biom. Ɔsan nso dii wↄn anim de wↄn kↄↄ kurow no mu.

Hmm, ma me mmisa wo asɛm biako, wogyidi sɛ dɛn na amma wↄn anhu sɛ wↄakan adu du no? Asɛm yi di bisa.
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Mmarimaa a wↄyerae
Author - Felix Kwame Senanu, Lois Nyarkoah Adu, Martha Agyeiwaa Twum and Nancy Mensah
Illustration - Andrews Opoku Antwi and Michelangelo Quaye Anang
Language - Akwapem Twi
Level - Longer paragraphs
© African Storybook Initiative 2017
Creative Commons: Attribution 4.0
Source www.africanstorybook.org
Menu
  • Navigate

    Navigate through the story by swiping right or left or clicking when the cursors changes to an arrow on the right or the left edge of the screen.

    Tap or click on the centre of the page to see, or remove the menu bars at the top and the bottom of the screen. You can also use the ESC key.

    You can use the slider at the bottom as a way to move quickly through the story. On a mobile device tap on the slider before you drag the slider button.

    Click or tap to return to African Storybook.

  • Share
    If you have a Twitter or Facebook account, you can share this story on your page or a page you manage. You can also copy the web link (URL) for this story.
    • Twitter
    • Facebook
    • Url
  • Rate
    Other visitors rated this story

    Tell us how much you liked the story – drag the scroller to highlight one or more stars
    • Submit
  • Comment
    Read other people’s comments on the story, or add your own.
    • Enter your comment
    • Name
    • E-mail
    • Post
  • Translations and adaptations
    • Vakomana gumi vakarasika
      ChiShona (Translation)
    • Ten lost boys
      English (Translation)
  • Download to read
    Landscape version
  • Download to print
    Portrait (booklet) version
  • Download EPUB