Deɛ enti a ɛnwii wɔ mmarima koko so
Agnes Asamoah-Duodu
Andrews Opoku Antwi

Mmerɛ bi a atwa mu no, nnamfonom baasa bi tenaa akuaraa bi a yɛfrɛ no Domeabra mu: Adeɛpɛna, Nyamekyɛ ne Nitamoa.

1

Na wɔdɔ wɔn ho yie enti ɛmaa wɔdii nokorɛ maa wɔn ho. Ɛnam saa yɛ so maa wɔn awofo nso bɛyɛɛ nnamfonom.

2

Efiada biara yɛ edwa da. Ɛsane nso yɛ da a na obiara nni ho kwan sɛ ɔkɔ Asuo Dome mu anaa ɔkɔ afuo mu.

3

Adeɛpɛna deɛ na Papa Koo Nimo ne Maame Adoma di no bakorɔ enti sɛ ɔyɛ bɔne a na wɔntea no. Saa enti ɛmaa no bɛyɛɛ ahomasoɔ ne tirimudɛ.

4

Efiada bi nnamfonom baasa yi yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkɔ akɔhwehwɛ bese wɔ kwaeɛ mu abɛtɔn.

Wɔtwɛn maa wɔn awofoɔ kɔɔ edwam pɛ, na wɔsii mu sɛ wɔrekɔ kwaeɛ no mu.

5

Wɔtwaa bɛyɛ kwansin baako no, wɔkɔtoo Asu Kɛseɛ Dome a na ayiri a obiara ɛntumi ntwa. Ntiamoa teaa mu sɛ, "Eei!, yɛbɛyɛ dɛn atwa asuo yi?"

Ɛhɔ ara na Nyamekyɛ gyee so sɛ, "Oh makae, makenkan da sɛ, sɛ nsuo yiri na wo ma no biribi a wotumi twa."

6

Saa mmerɛ no na wɔnni biribiara a wɔde bɛma asuo no enti wɔhyɛɛ no bɔ.

Ntiamoa dii kan hyɛɛ bɔ sɛ, "Nana Asuo Dome, sɛ woboa me na metwa kɔ ba a mɛma wo bese mmiɛnsa ahodoɔ mmiɛnsa." Nyamekyɛ nso hyɛɛ bɔ saa ara.

7

Ɛduruu Adeɛpɛna so no, ɛsane ahomasoɔ enti ɔhyɛɛ bɔ sɛ, "Nana Asuo Dome sɛ woboa me na mekɔ ba a mema wo bese mmiɛnsa ahodoɔ mmienu ne nkosua mmienu."

Asuo Dome gyee wɔn so sɛ, "Me nananom, monkɔ mmra na monni mo bɔhyɛ so."

8

Enti wɔn nyinaa twaa asuo no kɔɔ kwaeɛ no mu.

Wɔduruu kwaeɛ no mu no ankyɛ koraa na wɔnyaa bese wɔn bɔtɔ mama, enti wɔsii mu sɛ wɔrekɔ fie. Wɔduruu asuo no ho no na ayiri aboro so.

9

Ntiamoa ne Nyamekyɛ dii wɔn bɔhyɛ so enti asuo no maa wɔn kwan twa kɔeɛ.

Ɛduruu Adeɛpɛna so no asuo no amma no kwan antwa ɛfiri sɛ wannya nkosua mmienu no.

10

Na adeɛ resa enti nnamfoɔ baanu no sii mu kɔɔ efie kɔbɔɔ Adeɛpɛna awofoɔ amaneɛ.

Papa Koo Nimo sii mu kↄeɛ sɛ wↄrekↄboa ne ba no ama watwa asuo no.

11

Adeɛpɛna bɔɔ hu enti ɔyɛɛ n'adwene sɛ ɔbɛtwa asuo no.

Ɔsii mu pɛ na asuo no hyɛɛ aseɛ sɛ ɛremem no.

12

Papa Koo Nimo rebɛn asuo no ho no ɔtee ɛdwom bi sɛ.

"Anomaa worekɔ no eei! Wokɔ a se ɛna. Wokɔ a se agya. Kosua ta mmienu eei. Womfa mmerɛ Dome. Dome de me rekɔ oh."

13

Ne papa duruu asuo no ho no, ɔhunuu sɛ ne ba no amem amma aka ne tirinwi nkoa.

14

Ɔde ahopopoɔ sɔɔ ne ba no tirinwii mu sɛ ɔretwe no no, ɛnwii no tutu kaa ne nsam ɛna asuo no de Adeɛpɛna kɔeɛ.

15

Ɔde yaw de ne nsa bɔɔ ne koko so teaa mu kaa sɛ, "Ah! Adeɛpɛna, waha me."

Ɛnwii a na atutu aka ne nsam no tetaree ne koko so. Saa enti na mmarima wɔ ɛnwii wɔ wɔn koko so no.

16
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Deɛ enti a ɛnwii wɔ mmarima koko so
Author - Agnes Asamoah-Duodu, Henrietta Afrani, Josephine Serwaa Marfo
Illustration - Andrews Opoku Antwi, Michelangelo Quaye Anang
Language - Asante Twi
Level - First paragraphs