Mondli Ne Mbali Kɔsra Wɔn Nenabea
Violet Otieno
Catherine Groenewald

Na Mondli ne Mbali ne wɔn agya te ahenkurow mu. Na wɔn anidaso ne sɛ akwamma no bedu ntɛm. Na ɛnyɛ sɛ sukuu ama kwan kɛkɛ na mmom wɔkɔsra wɔn nenabea bio. Na ɔte akuraa bi a na ɔbɔn ɔtare kɛse bi ho.

1

Mondli ne Mbali ani gyee yiye efisɛ na bere adu sɛ wɔkɔsra wɔn nena bio. Anadwo a ade rebɛkye ma wɔakɔ no na wɔhyehyɛɛ wɔn nneɛma guu wɔn baage mu a na ɛkyerɛ sɛ wɔayɛ ahoboa wɔ akwantu tenten a ɛda wɔn anim no. Anadwo no nna sɛɛ ankɛ wɔn aniwa mu. Wɔbɔɔ nkɔmmɔ faa akwantu no ho.

2

Da no anɔpatutuutu na wɔtenaa wɔn agya kaa mu de wɔn ani kyerɛɛ akuraase kwan no so. Wɔrekɔ no wɔpaa mmepɔw, mmoa ne mfum ho. Wɔkenkann kaa ahorow a wohui san too nnwom. Ɛyɛɛ kakra no na mmofra no abrɛ enti wɔfaa mu dae.

3

Bere a woduu akuraase hɔ no wɔn agya nyann Mondli ne Mbali. Wohui sɛ wɔn nenabea Nobuntu da kɛtɛ so wɔ dua bi ase regye n'ahome.

4

Nobuntu maa wɔn akwaaba sɛ wɔabedu fie na ɔde anigye nnwom saw twaa dan no ho hyiae. Ne nenanom nso de wɔn akyɛde a wɔde fi ahenkurow mu bae no maa wɔn nenabea anigye so. Mondli kae se, "Di kan bue m'akyɛde no so." Mbali nso kae se, "Ma me de no nni kan!"

5

Nobuntu buee n'akyɛde no so wiei no, ohyiraa ne nenanom no. Afei Mondli ne Mbali fii adi kɔɔ abɔnten kodii agoru. Nobuntu ne nebabarima no twetwee nkɔmmɔ faa abusua no ho ma ɛne kaseɛbɔ bere kohyiae.

6

Ade resa no Mondli ne Mbali san wɔn akyi baa fie bedidii. Wɔredidi nyinaa no na wɔretɔ nko! Adekyee no mmofra no papa gyaw wɔn maa Nobuntu ne kaa san baa kurowpɔn mu bio.

7

Mondli ne Mbali boaa wɔn nenabea wɔ ofie dwumadi mu. Wɔkɔɔ asu san kɔpɛɛ nnyina. Wɔkɔsesaw nkesua a nkokɔ no atow no san kɔpɛɛ atosode fi turom hɔ.

8

Da koro anɔpa bi Mondli de ne nenabea anantwi kɔɔ adidi. Wotuu ammirika faa obi a ɔne no bɔ hyew afum. Okuafo no bofuwii. Ɔde ahunahuna kae se sɛnea anantwi no abedi ne mfuduan no nti ɔrempene mma womfi nkɔ. Efi saa da no rekɔ no, Mondli hwɛɛ mmoa no so yiye sɛnea wonkɔfa amane mu bio.

9

Da fororo bio mmofra no ne Nobuntu kɔɔ gua so. Na ɔwɔ apata a ɔtontɔn atosode, asikire ne samina wom. Mbali adwuma ne sɛ ɔbɔ nneɛma a ɔtɔfo no hwehwɛ no bo kyerɛ. Mondli nso hyehye atɔfo nneɛma gu ade mu ama wɔn.

10

Nanso ankyɛ na akwamma bere no soe. Ɛsɛ sɛ mmofra no san kɔ sukuu wɔ kurowpɔn mu. Nobuntu maa Mondli kyɛw ɛnna ɔmaa Mbali sowɛɛta. Ɔhyehyɛɛ nnuan maa wɔn de gyaa wɔn kwan.

11

Bere a wɔn agya bae sɛ ɔrebɛfa wɔn no na wɔmpɛ sɛ wɔbɛkɔ. Mmfora no srɛɛ Nobuntu sɛ ɔnka wɔn ho ma wonkɔ kurowpɔn mu. Ɔnwennwenee kae se, "Mabɔ aberewa, kurom asetena nye mma me. Nanso mɛtena ha atwɛn sɛ akwamma foforo mobɛba abɛsra me bio."

12
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Mondli Ne Mbali Kɔsra Wɔn Nenabea
Author - Violet Otieno
Translation - Michael Baah-Agyeman
Illustration - Catherine Groenewald
Language - Akuapem Twi
Level - Longer paragraphs