Kiundu Difudepɛfo No
Mutugi Kamundi
Zablon Alex Nguku

Mmere bi a atwam ɔbarima bi tenaa ase wɔ Nyamani akuraa a na wɔfrɛ no Kiundu. Na odidi ma ɛboro so. Ade a na ɔpɛ titiriw yɛ namwe.

1

Da koro bi, ɔhene a ɔwɔ akuraase hɔ too nsa frɛɛ ne manfoɔ sɛ wɔmmra ne babarima ayeforohyia ase.

2

Kiundu san nyaa no ntee sɛ nnipa bi reka se ayeforohyia foforo bi a ɛbɛba so wɔ akuraa bi ɛbɛn wɛn a wɔfrɛ no se Katumbi. Kiundu dwenee ho se, "So ayeforohyia abien reba so saa da no ara!"

3

Kiundu kaa wɔ ne tirim se, "Ɛsɛ sɛ mekɔ apontow abien yi nyinaa ase. Medi kan anantew akɔ Katumbi na masan m'akyi Nyamani."

4

Anɔpatutuutu na Kiundu sɔre faa fam kɔɔ akuraa a ne din de Katumbi hɔ. Oduu hɔ no ohuu sɛ aduannoafo no gu so reyɛ aduan no. Osii gyinae se, "Mɛsan akɔ Nyamani na akyiri masan m'akyi aba ha."

5

Kiundu nantew baa Nyamani na ɔwɔ anidaso so sɛ obedu hɔ no na nam no aben. Afei de, ɔkɔm de no. Nanso oduu hɔ no na nkurɔfo no gu aduannoa no so.

6

Ɔdwenee kae se, "Bere a mifii Katumbi no na wɔrefi aduannoa no ase, saa bere yi de wɔawie aduan no."  Ɛno nti Katumbi san nantew kɔɔ Katumbi. Afei de, na ɔkɔm de no pa ara yiye.

7

Bere a Kiundu duu Katumbi no na nkurɔfo no adidi awie dedaw. Na adu bere a wɔrekyɛ ayeforo no ne ayeforokunu no akyɛde. Na Kiundu nni akyɛde biara a ɔde bɛma. Ɔno de na aduan na ɔrepɛ adi.

8

Ɛyɛɛ Kiundu yaw yiye sɛ aduan no asa agya no. Enti ɔyɛɛ n'adwene sɛ ɔbɛsan anantew akɔ akuraa a wɔfrɛ no Nyamani. Na ɔkɔm de no ɛnna afei nso wabrɛ nti ɔnamtew brɛoo na ɛkɔe.

9

Bere a oduu akuraa hɔ no na nkurɔfo reto nnwom, redi asaw ka ho. Na wɔadi nnuan no nyinaa dedaw!

10

Bere a ɔtee sɛ aduan biara nni hɔ bio no, Kiundu tɔɔ baha. Nam a ɛwɔ sɛ onya wɔ apontow abien no nyinaa ase no bɔɔ no. Bere a n'ani so tetew no no, koko ketewaa bi a ɛwɔ kuruwa mu na onya dii!

11

Kiundu de ɔkɔm a ano yɛ den na esiim kɔɔ ne fi.

12
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Kiundu Difudepɛfo No
Author - Mutugi Kamundi
Translation - Michael Anguah-Mante (OLE Ghana)
Illustration - Zablon Alex Nguku
Language - 0
Level - First paragraphs