Mondli Ne Mbali Kɔsra Wɔn Nanabaa
Violet Otieno
Catherine Groenewald

Mondli ne Mbali ne wɔn papa te kurokɛseɛ mu. Na wɔn anidasoɔ ne sɛ akwamma bɛduru ntɛm. Ɛnyɛ sɛ sukuu a ɛma kwan nkoaa, na mmom sra a wɔkɔsraa wɔn nanabaa. Ɔte akuraa bi a ɛbɛn ɔtadeɛ kɛseɛ bi ho.

1

Mondli ne Mbali ani gyee yie ɛfiri sɛ na ɛberɛ aso sɛ ɔkɔsra wɔn nanabaa bio. Anadwo no a adeɛ rebɛkye ama wɔakɔ no, wɔhyehyɛɛ wɔn nnoɔma guu baage mu yɛɛ ahoboa twɛn akurase akwantu tenten no. Anadwo mu no nyinaa wɔdii akwamma no ho nkɔmmɔ saa a wɔanna.

2

Ɛda no anɔpatutuutu no, wɔtenaa wɔn papa kaa mu kɔɔ akuraa no ase. Wɔrekɔ no, wɔtwaa mmepɔ, mmoadoma, ɛne mfuo ho. Wɔkenkanee kaa ahoroɔ a wɔhunuiɛ san too nnwom. Ɛyɛɛ kakra no, na mmɔfra no aberɛberɛ ɛnti wɔdedaeɛ.

3

Wɔduruu akuraa no ase no papa nyanee Mondli ne Mbali. Wɔhunuu wɔn nanabaa Nobuntu sɛ ɔte kɛtɛ so wɔ dua bi ase regye n'ahome.

4

Nobuntu maa wɔn akwaaba de anigyeɛ, nnwom ne asa twaa ɛdan no mu hyiaeɛ. Ne mmanananom ani gyee sɛ wɔde wɔn akyɛdeɛ a wɔde firii kurokɛseɛ mu ama no. Mondli kaa sɛ, "Di kan bue m'akyɛdeɛ no so." Mbali kaa sɛ, "Daabi, bue medeɛ no so kane."

5

Nobuntu buee akyɛdeɛ no so no, ɔhyiraa ne mmanananom. Afei Mondli ne Mbali firii adi kɔdii agorɔ. Nobuntu ne ne ba barima dii abusua nkɔmmɔ ɛne kaseɛbɔ a ɛbɛhyiaeɛ.

6

Ɛduruu anwumerɛ no Mondli ne Mbali baa fie bɛdii anwumerɛ aduane. Wɔanwieɛ adidie mpo na wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔrededa! Adeɛ kyeeɛ no, papa gyaa mmɔfra no maa Nobuntu tuu ne kaa sane kɔɔ kurokɛseɛ mu bio.

7

Mondli ne Mbali boaa wɔn nanabaa wɔ ɛfie adwuma. Wɔkɔɔ nsuo san kɔtwitwaa egya. Wɔsesaa nkokɔ nkosua san tetee atosodeɛ frɔmfrɔm firii mfikyifuo no mu.

8

Da koro anɔpa bi, Mondli de ne nanabaa anantwie kɔɔ adidie. Wɔtuu mmirika kɔɔ wɔn yɔnko bi afuom. Okuafoɔ no bufuiiɛ. Ɔhunahunaa wɔn sɛ ɔremma anantwie no kwan ɛmma wɔnnkɔ ɛfiri sɛ wɔn abɛwe ne nnɔbaeɛ. Ɛfiri saa da no, Mondli yɛɛ n'adwen sɛ ɔremma anatwie no nkɔtɔ amaneɛ mu bio.

9

Ɛda foforɔ bi nso, mmɔfra no ne Nobuntu kɔɔ ɛdwam. Ɔwɔ apata a ɔtɔn atosodeɛ, asikyire ɛne samina wɔ mu. Ɛyɛ Mbali anigyeɛ sɛ ɔbobɔ nnoɔma no boɔ kyerɛ atɔfoɔ. Mondli pɛ ne sɛ ɔbɛhyehyɛ nnoɔma a atɔfɔ no atɔ no agu adeɛ mu ama wɔn.

10

Nanso ankyɛ koraa na akwamma no baa awieɛ. Ɛsɛ sɛ mmɔfra no sankɔ kurokɛseɛ mu na wɔkɔ sukuu. Nobuntu maa Mondli ɛkyɛ ɛna ɔmaa Mbali swoɔta. Ɔhyehyɛɛ nnuane a wɔde bɛkɔ wɔn kurom maa wɔn.

11

Ɛberɛ a wɔn papa baa sɛ ɔrebɛfa wɔn akɔ no, wɔampɛ sɛ wɔbɛkɔ. Mmofra no paa Nobuntu kyɛw sɛ ɔne wɔn nkɔ kurokɛseɛ mu. Ɔnwenwenee kaa sɛ, "Mabɔ aberewa dodo sɛ mɛtena kurokɛseɛ mu. Na mmom mɛtena ɛha yi ara atwɛn sɛ mobɛma kwan bio na moabɛsra me."

12
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Mondli Ne Mbali Kɔsra Wɔn Nanabaa
Author - Violet Otieno
Translation - Agnes Asamoah-Duodu (OLE Ghana)
Illustration - Catherine Groenewald
Language - Asante Twi
Level - First paragraphs