Adifudepɛfoɔ Kiundu
Mutugi Kamundi
Zablon Alex Nguku

Ɛmmerɛ bi a atwam, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Kiundu tenaa Nyamani akuraase. Na ɔdidi paa. Ne titirie ne ɛnam.

1

Da koro bi, ɔhene a ɔwɔ akuraase hɔ too nsa frɛɛ ne manfoɔ nyinaa sɛ wɔmmra ne babarima ayeforohyia ase.

2

Kiundu san tee sɛ nnipa reka ayeforohyia apontoɔ foforɔ bi nso a ɛbɛba so wɔ kuro bi a ɛbɛn a wɔfrɛ no Katumbi. Kiundu dwenee sɛ, "Ɛnti apontoɔ mmienu reba so da koro!"

3

Kiundu kaa wɔ ne tirim sɛ, "Ɛsɛ sɛ mekɔ apontoɔ mmienu yi nyinaa ase."  "Mɛnante akɔ Katumbi kane na masan m'akyi aba Nyamani."

4

Kiundi sɔree anɔpa tutu nante kɔɔ Katumbi akuraase. Ɔkɔ duruu hɔ no ɔhunuu sɛ aduanenoafoɔ no gu so renoa nnuane no. Kiundu sii gyinaeɛ sɛ, "Mɛsan m'akyi akɔ Nyamani na akyire yi masan aba ha."

5

Kiundu san nante baa Nyamani a n'anidasoɔ ne sɛ ɔbɛduru hɔ no na ɛnam no aben. Afei deɛ, na ɛkɔm de no. Nanso ɔkɔduruu hɔ no na nkurɔfoɔ no gu so renoa nnuane no.

6

Ɔdwenee ho sɛ, "Berɛ a mefirii Katumbi no na wɔrebɛhyɛ aseɛ anoa nnuane. Saa berɛ yi deɛ wɔawie nnuane no noa."  Enti Kiundu san nante kɔɔ Katumbi. Afei deɛ na ɛkɔm de no yie.

7

Ɛberɛ a Kiundu kɔduruu Katumbi no, na nkorɔfoɔ no adidi awie dada. Na wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no gu so de wɔn akyɛdeɛ rema ayeforɔkunu ne ayeforɔyere no. Kiundu deɛ na onni akyɛde biara a ɔde bɛma. Ɔno deɛ na aduane na ɔrepɛ adi.

8

Kiundu abamu buu yie sɛ wannya aduane no bie. Ɔyɛɛ n'adwene sɛ ɔbɛsan n'akyi anante akɔ Nyarmani akuraase. Afei na ɛkɔm de no ɛna wabrɛ enti ɔnantee brɛoo.

9

Ɛberɛ a ɔduruu Nyamani akuraase no, na nkorɔfoɔ reto dwom redi asa. Na wɔadi aduane no nyinaa dada!

10

Ɛberɛ a ɔtee sɛ aduane biara nni hɔ no, Kiundu yɛɛ bɛtɛɛ. Wahwere nnam wɔ apontoɔ no mmienu nyinaa ase. Ɛberɛ a n'ani so tetee no no, wɔnyaa koko bi a ɛwɔ kuruwa ketewaa bi mu nomeɛ!

11

Kiundu de ɛkɔm san nante kɔɔ fie.

12
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Adifudepɛfoɔ Kiundu
Author - Mutugi Kamundi
Translation - Henrietta Afrani (OLE Ghana)
Illustration - Zablon Alex Nguku
Language - Asante Twi
Level - First paragraphs