Da a Awia Kɔeɛ
Khothatso Ranoosi
Jesse Breytenbach

Maame Awia yɛɛ n'adwen sɛ ɔbɛkɔ akɔsra ne nuabaa, ɔsrane. Onuabaa Ɔsrane te ɛwiem fa baabi. Awia ka kyerɛɛ munumkum sɛ, "Merekɔ aba seisei yi ara."

1

Ɛberɛ a Awia kɔeɛ no, mmepɔ bɔɔ wɔn duku fitaa.

2

Mframa ne nnua gyee akyinnyeɛ. Nnua bofuiɛ. Wɔtotoo wɔn nhaban nyinaa guguu ɛhɔ nyinaa.

3

Ewiem hyɛɛ aseɛ nwiinwiiɛ. Ɔbɛyɛɛ fitaa.

4

Mununkum hunuu ne nyinaa no ne werɛ hoeɛ. Wɔfirii aseɛ suiɛ. Ɔtee nisuo pii.

5

Ewiase nyinaa hyɛɛ aseɛ sɛ ɛremem akɔ nsuo ase.

6

Ewiem fa baabi nso, na Awia ayɛ krado sɛ ɔrebɛgya ne nuabaa hɔ. Ɔfee ɔsrane ano ne no dii nkra kɔɔ fie.

7

Ewiem anigyeɛ sɛ wahunu Owia sɛ ayɛ hyerɛɛn. Mmepɔ hyɛɛ wɔn ntaadeɛ ahabanmono fɛɛfɛ no.

8

Mframa kɔdaeɛ. Nnua trɛtrɛɛ wɔn mman mu nwenweneɛ.

9

Mununkum ani gyeɛ sɛ wahunu Maame Awia bio. Wɔkɔeɛ kodii agorɔ.

10

Nnua nketewa beberee pue firii asaase mu bɛkaa sɛ "yoo akwaaba." Ewiase nyinaa hyerɛɛn.

11

Maame Awia hyerɛɛn wɔ baabiara. Ɔhyerɛn kaa sɛ, "Sɛ mekaa sɛ mesane aba bio."

12
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Da a Awia Kɔeɛ
Author - Khothatso Ranoosi, Marion Drew
Translation - Agnes Asamoah-Duodu (OLE Ghana)
Illustration - Jesse Breytenbach
Language - Asante Twi
Level - First sentences