Me Kyerɛkyerɛfoɔ
Zimbili Dlamini
Jesse Pietersen

Mepɛ me kyerɛkyerɛfoɔ asɛm.

1

Ne ho yɛ fɛ. Ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ pa. Ne yam yɛ na ɔwɔ abotrɛ.

2

Wabɔ ne tirinwi mmɛsa fɛɛfɛɛfɛ.

3

Ɔde nhweneɛ a n'ahosuo yɛ fɛ abobɔ ne tirinwi mu.

4

Ne nhweneɛ no bi yɛ ahabanmono, fitaa, kɔkɔɔ, ɛne akokɔsradeɛ.

5

Maame, me pa wo kyɛw, wobɛbɔ me tirinwi mmɛsa sɛ me kyerɛkyerɛfoɔ deɛ no bi?

6

Sɛ menyini a me nso mede nhweneɛ bɛbobɔ me tirinwi mu.

7

Mɛnyini abɛyɛ sɛ me kyerɛkyerɛfoɔ pɛpɛɛpɛ!

8
You are free to download, copy, translate or adapt this story and use the illustrations as long as you attribute in the following way:
Me Kyerɛkyerɛfoɔ
Author - Zimbili Dlamini, Hlengiwe Zondi
Translation - Agnes Asamoah-Duodu (OLE Ghana)
Illustration - Jesse Pietersen
Language - Asante Twi
Level - First words